Scripture
Nnwom 106
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 106 Bible text
na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa,na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfana me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo.
Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no,wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho;wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no,na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.
Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn,nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ nosɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam;ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn.
Wɔkaa mogya a ɛdi bem guiɛ;wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mogya awɔde bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni nomaa asase no ho guu fi.
Gye yɛn, Ao Awurade yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn,na boaboa yɛn ano firi amanaman so,na yɛada wo din kronkron no ase,na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam.
Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn,ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten.Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!”Monkamfo Awurade.