Skip to main content

Scripture

Nnwom 105

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 105 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛda Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.Ma ewiase nyinaa nhunu deɛ wayɛ.

ASCB: 2ASCB

Monto dwom mma no, monto ayɛyie dwom mma no;monka nʼanwanwadeɛ no nyinaa.

ASCB: 3ASCB

Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya akoma mu anigyeɛ.

ASCB: 4ASCB

Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;na monhwehwɛ nʼanim ɛberɛ biara.

ASCB: 5ASCB

Monkae anwanwadeɛ a wayɛne nsɛnkyerɛnneɛ, ne atemmuo a ɔbuiɛ,

ASCB: 6ASCB

Ao Abraham mma, Onyankopɔn ɔsomfoɔ,Ao Yakob mma a wapa wɔn.

ASCB: 7ASCB

Ɔyɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn.Nʼahennie da adi wɔ asase so nyinaa.

ASCB: 8ASCB

Ɔkae nʼapam daa nyinaa,asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoantoasoɔ apem no,

ASCB: 9ASCB

apam a ɔne Abraham yɛeɛ nontam a ɔka kyerɛɛ Isak no.

ASCB: 10ASCB

Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

ASCB: 11ASCB

Ɔkaa sɛ, “Mede Kanaan asase no bɛma wosɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapadeɛ.”

ASCB: 12ASCB

Ɔkaa yei ɛberɛ a na wɔnnɔɔso,ahɔhokuo ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.

ASCB: 13ASCB

Wɔfirii aman so kɔɔ aman so;firii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.

ASCB: 14ASCB

Wamma obi anhyɛ wɔn so;wɔn enti, ɔkaa ahene anim sɛ:

ASCB: 15ASCB

“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo;na monnyɛ mʼadiyifoɔ bɔne bi.”

ASCB: 16ASCB

Ɔmaa ɛkɔm baa asase no sona ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduane nyinaa;

ASCB: 17ASCB

na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no.

ASCB: 18ASCB

Wɔde mpokyerɛ guu ne nan,na wɔde dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn,

ASCB: 19ASCB

kɔsii sɛ deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu,kɔsii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ nokwafoɔ.

ASCB: 20ASCB

Afei, ɔhene no soma ma wɔkɔgyaa no;aman no sodifoɔ gyaa no.

ASCB: 21ASCB

Ɔyɛɛ no ne fiefoɔ so wura,deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ,

ASCB: 22ASCB

sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma deɛ ɔpɛna ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa.

ASCB: 23ASCB

Afei, Israel kɔɔ Misraim;Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani.

ASCB: 24ASCB

Awurade maa ne nkurɔfoɔ ase dɔreeɛ;ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfoɔ,

ASCB: 25ASCB

wɔn a ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne nkurɔfoɔna wɔmpam nʼasomfoɔ tiri so.

ASCB: 26ASCB

Ɔsomaa ne ɔsomfoɔ Mose,ne Aaron a na wayi noɔ no.

ASCB: 27ASCB

Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ wɔn mu,nʼanwanwadeɛ wɔ Ham asase so.

ASCB: 28ASCB

Ɔsomaa esum, na ɔmaa asase duruu sumɛfiri sɛ na wɔate nʼasɛm no so atua.

ASCB: 29ASCB

Ɔmaa wɔn nsuo nyinaa danee mogya,nam so kumm emu mpataa.

ASCB: 30ASCB

Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma,na wɔhyɛnee ɔman no sodifoɔ mpia mu.

ASCB: 31ASCB

Ɔkasaeɛ, na nwansena bebreene ntontom baa ɔman no mu baabiara.

ASCB: 32ASCB

Ɔmaa wɔn osutɔ danee ampariboɔa anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu;

ASCB: 33ASCB

Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnuana ɔbubuu ɔman no so nnua pasaa.

ASCB: 34ASCB

Ɔkasaeɛ, na ntutummɛ baeɛmmɛbɛ a wɔntumi nkan wɔn;

ASCB: 35ASCB

wɔwee nhahammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so,na wɔdii wɔn mfuo so nnuane.

ASCB: 36ASCB

Afei ɔkunkumm wɔn asase so mmakan nyinaa,wɔn mmarimayɛ mu aba a ɛdi ɛkan nyinaa.

ASCB: 37ASCB

Ɔyii Israelfoɔ, a wɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ,firii wɔn mmusuakuo mu a obiara ho antɔ kyima.

ASCB: 38ASCB

Misraim ani gyeeɛ ɛberɛ a wɔkɔeɛ,ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ho hu atɔ wɔn so.

ASCB: 39ASCB

Ɔtrɛɛ omununkum mu kataa wɔn so,na ɔde ogya maa wɔn, sɛ ɛnyɛ hann anadwo.

ASCB: 40ASCB

Wɔbisaeɛ, na ɔbrɛɛ wɔn mmoko.Ɔmaa ɔsoro aduane mee wɔn.

ASCB: 41ASCB

Ɔbuee ɔbotan mu maa nsuo firii mu baeɛ;na ɛtenee wɔ ɛserɛ no so sɛ asubɔnten.

ASCB: 42ASCB

Ɔkaee ne bɔhyɛ kronkron bi aɔhyɛɛ ne ɔsomfoɔ Abraham no.

ASCB: 43ASCB

Ɔyii ne nkurɔfoɔ maa wɔn ani gyeeɛ.Wɔn a wapa wɔn no dii ahurisie;

ASCB: 44ASCB

ɔde amanaman no nsase maa wɔn,na deɛ ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ

ASCB: 45ASCB

na wɔahwɛ nʼahyɛdeɛadi ne mmara so.Monyi Awurade ayɛ.