Scripture
Nnwom 104
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 104 Bible text
Ao me ɔkra, kamfo Awurade!Ao Awurade me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ!Wɔafira tumi ne animuonyam.
na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so.Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnamna ɔde nante mframa ntaban so.
Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie,na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ ɔnnuana ɛmma aduane mfiri asase mu:
na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam,na onipa anya ngo ama nʼanim atɔ so,na aduane nso akura onipa akoma.
Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi,a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano,akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma.
Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn.
Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so;na amumuyɛfoɔ ase nhye.Ao me ɔkra, kamfo Awurade.Kamfo Awurade.