Skip to main content

Scripture

Nnwom 103

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 103 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao me kra, kamfo Awurade;na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no.

ASCB: 2ASCB

Ao me kra, kamfo Awurade,na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa,

ASCB: 3ASCB

ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔna ɔsa wo nyarewa nyinaa,

ASCB: 4ASCB

ɔgye wo nkwa firi damena muna ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire,

ASCB: 5ASCB

ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛdeɛna wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.

ASCB: 6ASCB

Awurade yɛ adeteneneena ɔbu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntenenee.

ASCB: 7ASCB

Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan,na ɔmaa Israelfoɔ hunuu ne nneyɛɛ.

ASCB: 8ASCB

Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade,ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

ASCB: 9ASCB

Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ,na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa;

ASCB: 10ASCB

Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfatana ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.

ASCB: 11ASCB

Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no,saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so.

ASCB: 12ASCB

Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no,saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.

ASCB: 13ASCB

Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no,saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no,

ASCB: 14ASCB

na ɔnim sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn,ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.

ASCB: 15ASCB

Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ,ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren;

ASCB: 16ASCB

sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ,na ne sibea nnim no bio.

ASCB: 17ASCB

Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so,na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so,

ASCB: 18ASCB

wɔn a wɔdi nʼapam no sona wɔkae di ne mmara so.

ASCB: 19ASCB

Awurade asi nʼahennwa wɔ soro,na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.

ASCB: 20ASCB

Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ,mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ,mo a motie nʼasɛm.

ASCB: 21ASCB

Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa,nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ.

ASCB: 22ASCB

Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaadeɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa.Ao me ɔkra, kamfo Awurade!