Scripture
Nnwom 102
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 102 Bible text
Mfa wʼanim nhinta meɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu.Brɛ wʼaso ase ma me;na sɛ mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm.
Nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa;na wo din a ahyeta no te hɔ daa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
Enti mekaa sɛ,“Ao me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini;wo mfeɛ wɔ hɔ daa kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena hɔ daa;wɔbɛtete te sɛ atadeɛ.Wobɛsesa wɔn te sɛ ntomana wɔbɛto wɔn agu.