Scripture
Nnwom 101
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 101 Bible text
Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ.Dabɛn na wobɛba me nkyɛn?Mede akoma a afɔdie nni mubɛnante me fie.
Meremfa mʼani nsiadeɛ a ɛyɛ tane biara so.Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie;Me ne wɔn nni hwee yɛ.
Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no,ɔno na mɛsɛe;deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma,ɔno na merennyegye ne so.
Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no sona me ne wɔn atena;deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no,ɔno na ɔbɛsom me.
Adekyeeɛ biara,mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa;na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biaraafiri Awurade kuropɔn mu.