Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 8

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 8 Bible text

ASCB: 1ASCB

Tie: Nyansa refrɛ.Nteaseɛ ma ne nne so.

ASCB: 2ASCB

Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ,nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina,

ASCB: 3ASCB

apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho,ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ,

ASCB: 4ASCB

“Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ;meteam frɛ adasamma nyinaa.

ASCB: 5ASCB

Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte;mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ.

ASCB: 6ASCB

Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo;mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ.

ASCB: 7ASCB

Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ,ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm.

ASCB: 8ASCB

Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ;ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.

ASCB: 9ASCB

Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu;ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.

ASCB: 10ASCB

Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ,momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa.

ASCB: 11ASCB

Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota,na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho.

ASCB: 12ASCB

“Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ;nimdeɛ ne nhunumu wɔ me.

ASCB: 13ASCB

Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne;mekyiri ahantan ne ahomasoɔ,ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.

ASCB: 14ASCB

Afotuo ne atemmuo pa wɔ me;mewɔ nteaseɛ ne tumi.

ASCB: 15ASCB

Me so na ahemfo nam di adeɛna sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;

ASCB: 16ASCB

Mmapɔmma de me bu ɔmanne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene.

ASCB: 17ASCB

Medɔ wɔn a wɔdɔ me,na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me.

ASCB: 18ASCB

Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me nkyɛn,ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara.

ASCB: 19ASCB

Mʼaba yɛ sene sikakɔkɔɔ amapa;deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so.

ASCB: 20ASCB

Tenenee akwan so na menamatɛntenenee akwan so,

ASCB: 21ASCB

mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ mena mehyɛ wɔn adekoradan ma ma.

ASCB: 22ASCB

“Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔdeɛ mu abakandii ne tete nneyɛɛ anim;

ASCB: 23ASCB

ɔyii me sii hɔ firi tete,ansa na ewiase rehyɛ aseɛ.

ASCB: 24ASCB

Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka noansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no;

ASCB: 25ASCB

ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ,wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba,

ASCB: 26ASCB

ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuoanaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ.

ASCB: 27ASCB

Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro,ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no,

ASCB: 28ASCB

ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ sorona ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no,

ASCB: 29ASCB

ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛposɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ,ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no,

ASCB: 30ASCB

na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn.Anigyeɛ hyɛɛ me ma daana medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara,

ASCB: 31ASCB

na mʼani gye wɔ ne ewiase nyinaa muna mʼani ka wɔ adasamma mu.

ASCB: 32ASCB

“Enti me mma, montie me;nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so.

ASCB: 33ASCB

Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa;mommu mo ani nngu so.

ASCB: 34ASCB

Nhyira ne onipa a ɔtie me,ɔwɛn mʼaboboano daa,na ɔtwɛn wɔ hɔ.

ASCB: 35ASCB

Na obiara a ɔhunu me no nya nkwana ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn.

ASCB: 36ASCB

Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne hona wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.”