Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 7

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 7 Bible text

ASCB: 1ASCB

Me ba, fa me nsɛm siena kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.

ASCB: 2ASCB

Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa;bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.

ASCB: 3ASCB

Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.

ASCB: 4ASCB

Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,”na frɛ nteaseɛ wo busuani;

ASCB: 5ASCB

Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho,afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.

ASCB: 6ASCB

Me fie mpomma anomede mʼani faa ntokua mu.

ASCB: 7ASCB

Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu,mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso,ɔbabunu a ɔnni adwene.

ASCB: 8ASCB

Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie soa nʼani kyerɛ ɔbaa no fie

ASCB: 9ASCB

ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ,na animu rebiribiri no.

ASCB: 10ASCB

Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no awasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.

ASCB: 11ASCB

(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,ɔntena efie koraa;

ASCB: 12ASCB

ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem,ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)

ASCB: 13ASCB

Ɔsɔɔ ne mu fee nʼanowamfɛre, na ɔkaa sɛ,

ASCB: 14ASCB

“Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie;ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.

ASCB: 15ASCB

Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo;mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!

ASCB: 16ASCB

Mato me mpamede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.

ASCB: 17ASCB

Mede nnuhwam apete me mpa so:kurobo, pɛperɛ ne sinamon.

ASCB: 18ASCB

Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;

ASCB: 19ASCB

Me kunu nni efie;watu kwan na ɔbɛkyɛre.

ASCB: 20ASCB

Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ mana ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”

ASCB: 21ASCB

Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn;ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.

ASCB: 22ASCB

Ɔdii nʼakyi prɛko pɛte sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ,anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu

ASCB: 23ASCB

kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu,te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie muna ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

ASCB: 24ASCB

Na afei, me mma, montie me;monyɛ aso mma deɛ meka.

ASCB: 25ASCB

Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne sona mommane mfa nʼakwan so.

ASCB: 26ASCB

Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase;wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

ASCB: 27ASCB

Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn aɛkɔ owuo mpia mu.