Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 9

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 9 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nyansa asi ne fie;watwa nʼafadum nson ho.

ASCB: 2ASCB

Wasiesie nʼaduane afra ne nsãwato ne ɛpono.

ASCB: 3ASCB

Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛfiri kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ sɛ,

ASCB: 4ASCB

“Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha!”Ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

ASCB: 5ASCB

“Mommra mmɛdi mʼaduanena monnom nsã a mafra no.

ASCB: 6ASCB

Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa;monnante nteaseɛ akwan so.”

ASCB: 7ASCB

Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no frɛ ahohorabɔ;na deɛ ɔka amumuyɛfoɔ anim no nya ɔyea.

ASCB: 8ASCB

Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo;ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.

ASCB: 9ASCB

Ma onyansafoɔ akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa;kyerɛkyerɛ ɔteneneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.

ASCB: 10ASCB

Awurade suro yɛ nyansa ahyɛaseɛƆkronkronni no ho nimdeɛ yɛ nteaseɛ.

ASCB: 11ASCB

Me mu na wo nna bɛdɔɔso,na wɔde mfeɛ bɛka wo nkwa ho.

ASCB: 12ASCB

Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ;sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.

ASCB: 13ASCB

Ɔbaa ɔkwasea yɛ ɔkasafoɔ;ɔnni ahohyɛsoɔ na ɔnni nimdeɛ.

ASCB: 14ASCB

Ɔte ne fie ɛpono ano,na ɔte akonnwa a ɛsi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,

ASCB: 15ASCB

na ɔfrɛfrɛ wɔn a wɔtwam hɔ,wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee sɛ,

ASCB: 16ASCB

“Momma ntetekwaafoɔ nyinaa mmra ha”ɔka kyerɛ wɔn a wɔnni atemmuo sɛ,

ASCB: 17ASCB

“Nsuo a wɔwia no yɛ fremfremna aduane a wɔdi no ahintaeɛ no yɛ dɛ!”

ASCB: 18ASCB

Nanso wɔnnim koraa sɛ awufoɔ wɔ hɔsɛ nʼahɔhoɔ wɔ ɛda no ase tɔnn.