Scripture
Mmɛbusɛm 6
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmɛbusɛm 6 Bible text
ɛnneɛ yɛ yei, me ba, na fa tete wo ho,sɛ ɔyɔnko nsa aka woɔ no nti:fa ahobrɛaseɛ kɔ nʼanim;na kɔ so pa wo yɔnko no kyɛw!
Gye wo ho, sɛdeɛ ɔforoteɛ dwane firi ɔbɔmmɔfoɔ nsamanaa sɛdeɛ anomaa dwane firi fidisumfoɔ afidie mu.
Na saa ahyɛdeɛ yi yɛ kanea;saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ hann,na ahohyɛsoɔ ntenesoɔ yiyɛ nkwa kwan,
Saa na ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere da no teɛobiara a ɔde ne nsa bɛka noɔ no remfa ne ho nni da.
Mmom sɛ wɔkyere no a, ɛsɛ sɛ ɔtua ka mmɔho nson;sɛ ɛhia sɛ wɔtɔn ne fie agyapadeɛ nyinaa mpo a, ɛsɛ sɛ wɔtɔn.