Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

Me ba, yɛ aso ma me nyansa;tie me nhunumu nsɛm no yie,

ASCB: 2ASCB

sɛdeɛ ɛbɛma woahwɛ yie,na wʼano akora nimdeɛ.

ASCB: 3ASCB

Ɛfiri sɛ ɔbaa dwamanfoɔ ano sosɔ ɛwoɔ,na ne kasa kɔ yɛɛ sene ngo;

ASCB: 4ASCB

nanso, awieeɛ no ɛyɛ nwono sene bɔnwoma,ɛyɛ nam sɛ akofena anofanu.

ASCB: 5ASCB

Ne nan kɔ owuo mu;nʼanammɔntutuo kɔ ɛda mu tee.

ASCB: 6ASCB

Ɔnnwene ɛkwan a ɛkɔ nkwa mu ho;nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso ɔnnim.

ASCB: 7ASCB

Enti, afei, me mma, montie me;Monntwe mo ho mfiri deɛ meka ho.

ASCB: 8ASCB

Ɛkwan a ɛmmɛn noɔ no na momfa somommmɛn ne fie ɛpono ano,

ASCB: 9ASCB

anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforɔna mode mo mfeɛ ama otirimuɔdenfoɔ,

ASCB: 10ASCB

anyɛ saa a, ahɔhoɔ bɛfom mo ahonyadeɛna mobrɛ de ahonya akɔ afoforɔ fie.

ASCB: 11ASCB

Mo nkwanna akyi, mobɛsi apinieɛberɛ a mo honam ne mo onipadua asa no.

ASCB: 12ASCB

Na moaka sɛ, “Na mekyiri ahohyɛsoɔ!Mʼakoma ampɛ ntenesoɔ!

ASCB: 13ASCB

Manyɛ ɔsetie amma mʼakyerɛkyerɛfoɔna mantie mʼakwankyerɛfoɔ asɛm.

ASCB: 14ASCB

Maduru ɔsɛeɛ ntɛntɛnoawɔ asafo no nyinaa mu.”

ASCB: 15ASCB

Nom nsuo firi wʼankasa ankorɛ mu,nsuo a ɛtene firi wʼankasa abura mu.

ASCB: 16ASCB

Ɛsɛ sɛ wo nsutire yiri fa mmɔntene sona wo nsuwa kokɔ ɔman adwaberem anaa?

ASCB: 17ASCB

Ma ɛnyɛ wo nko ara dea,a wone ahɔhoɔ nnkyɛ da.

ASCB: 18ASCB

Nhyira nka wʼasuburana wʼani nka wʼababunuberɛ mu yere ho.

ASCB: 19ASCB

Ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfoɔ, ɔwansane animuonyamfoɔ.Ma ne nufoɔ nsɔ wʼani daana ne dɔ nkyekyere wo.

ASCB: 20ASCB

Me ba, adɛn enti na woma ɔbaa dwamanfoɔ kyekyere wo?Adɛn enti na woda ɔbarima foforɔ bi yere kokom?

ASCB: 21ASCB

Awurade hunu onipa akwan nyinaa,na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.

ASCB: 22ASCB

Omumuyɛfoɔ nnebɔne sum no afidie;na ne bɔne nhoma kyekyere no papee.

ASCB: 23ASCB

Ɔbɛwu ɛsiane ahohyɛsoɔ a ɔnni enti,na wayera ɛsiane nʼagyegyentwisɛm enti.