Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 31

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 31 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ne maame kyerɛɛ no:

ASCB: 2ASCB

Ao me babarima, me yafunu ba,Ao mebɔhyɛ ba,

ASCB: 3ASCB

nsɛe wʼahoɔden wɔ mmaa ho,wɔn a wɔgu ahemfo asu no.

ASCB: 4ASCB

Lemuel, nsã nyɛ mma ahemfo;asanom nyɛ mma ahemfo,ɛnsɛ sɛ sodifoɔ pere nsaden ho;

ASCB: 5ASCB

sɛ wɔnom nsã a, wɔn werɛ bɛfiri deɛ mmara no ka,na wɔn a wɔdi wɔn nya no rennya deɛ wɔwɔ ho ɛkwan.

ASCB: 6ASCB

Fa nsaden ma wɔn a wɔresɛe,na fa nsã ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;

ASCB: 7ASCB

Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfiri wɔn hiana wɔnnkae wɔn awerɛhoɔ bio.

ASCB: 8ASCB

Kasa ma wɔn a wɔntumi nkasa mma wɔn ho,kasa ma mmɔborɔfoɔ yiedie.

ASCB: 9ASCB

Kasa na bu atɛntenenee;kasa ma ahiafoɔ ne onnibie yiedie.

ASCB: 10ASCB

Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya?Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa.

ASCB: 11ASCB

Ne kunu wɔ ne mu ahotosoɔ pa arana biribiara a ɛwɔ boɔ nhia no.

ASCB: 12ASCB

Ɔde deɛ ɛyɛ brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw,ne nkwa nna nyinaa mu.

ASCB: 13ASCB

Ɔhwehwɛ odwannwi ne asaawana ɔde ne nsa nwono wɔ fɛ so.

ASCB: 14ASCB

Ɔte sɛ adwadifoɔ ahyɛn,ɔde ne nnuane firi akyirikyiri ba.

ASCB: 15ASCB

Adeɛ nnya nkyeeɛ no na wasɔre;ɔsiesie aduane ma nʼabusuafoɔna ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.

ASCB: 16ASCB

Ɔdwene afuo ho, na ɔtɔ;ɔfiri deɛ ɔnya mu yɛ bobefuo.

ASCB: 17ASCB

Ɔde nsi yɛ nʼadwuma;nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.

ASCB: 18ASCB

Ɔhwɛ sɛ nʼadwadie ho wɔ mfasoɔ,na ne kanea ɛnnum anadwo.

ASCB: 19ASCB

Daa, na ne nsa kura tadua mua ne nsateaa nso retoatoa asaawa.

ASCB: 20ASCB

Ɔgo ne nsam ma ahiafoɔna ne nsa so onibie so.

ASCB: 21ASCB

Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fiefoɔ ho;ɛfiri sɛ wɔn nyinaa wɔ aduradeɛ a wɔde ko awɔ.

ASCB: 22ASCB

Ɔyɛ ne mpasotam;na ɔfira nwera ne serekye ntoma.

ASCB: 23ASCB

Ne kunu wɔ animuonyam wɔ kuropɔn ɛpono ano,baabi a ɔne asase no so mpanimfoɔ tena.

ASCB: 24ASCB

Ɔpempam nwera ntadeɛ tontɔn,na ɔtu abɔwomu ma adwadifoɔ.

ASCB: 25ASCB

Ɔwɔ ahoɔden ne animuonyam;na ɔnsuro nna a ɛwɔ nʼanim.

ASCB: 26ASCB

Ɔkasa nyansa mu,na nokorɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.

ASCB: 27ASCB

Ɔhwɛ ne fidua mu nnwuma sona ɔnnyegye aniha so.

ASCB: 28ASCB

Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira;ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no sɛ,

ASCB: 29ASCB

“Mmaa pii yɛ nneɛma a ɛwɔ edin,na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.”

ASCB: 30ASCB

Ɔbaa kɔnɔfoɔ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so;nanso ɔbaa a ɔsuro Awurade no fata nkamfoɔ.

ASCB: 31ASCB

Fa abasobɔdeɛ a wanya no ma no,na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn ɛpono ano.