Scripture
Ɔsɛnkafoɔ 1
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Ɔsɛnkafoɔ 1 Bible text
Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu?Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no?
Mframa bɔ kɔ anafoɔ famna ɛdane hwɛ atifi fam;ɛkyinkyini kɔ baabiarana ɛsane bɔ fa ne kwan so.
Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu,nanso ɛpo nyɛ ma da.Baabi a nsubɔntene no firie noɛhɔ na wɔsane kɔ bio.
Biribiara yɛ ɔbrɛa ɛboro deɛ obi bɛka soɔ.Ani nhwɛ adeɛ nwie dana aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da.
Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ:“Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa?Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee;ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
Metuu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi!
Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa.
Mekaa wɔ me ho sɛ, “Hwɛ, manyini na manya nimdeɛ bebree asene obiara a watena Yerusalem ahennwa so ansa na merebɛdi adeɛ. Manya nhunumu ne nimdeɛ mu osuahunu.”
Afei, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu sɛ yei nso te sɛ deɛ obi di mmirika taa mframa.