Scripture
Mmɛbusɛm 30
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmɛbusɛm 30 Bible text
Hwan na waforo akɔ soro na wasiane aba fam?Hwan na wabɔ mframa boa wɔ ne nsa mu?Hwan na ɔde nʼatadeɛ abɔ nsuo boa?Hwan na ɔbɔɔ asase hahanaa yi?Ne din de sɛn, na ne ba barima nso din de sɛn?Sɛ wonim a ka kyerɛ me!
Anyɛ saa a, ebia menya me ho pii ama mapa wona maka sɛ, ‘Hwan ne Awurade?’Anaa mɛyɛ ohiani na mabɔ korɔno,na ama magu me Onyankopɔn din ho fi.
wɔn a wɔn se yɛ akofenana sekammoa hyehyɛ wɔn apantanwɔn na wɔbɛtɔre ahiafoɔ ase afiri asase so,na woayi onibie afiri adasamma mu.
“Amemem wɔ mmammaa mmienua wɔteam sɛ, ‘Fa ma me! Fa ma me.’“Nneɛma mmiɛnsa na ɛmmee da.Dabi, nneɛma ɛnan wɔ hɔ a ɛnka da sɛ, ‘Ɛyɛ!’
Ɛkwan a ɔkɔdeɛ nam so wɔ ewiem,sɛdeɛ ɔwɔ nante ɔbotan so,ɛkwan a ɛhyɛn nam so wɔ ɛpo hahanaa so,ne sɛdeɛ ɔbarima dɔ ababaawa.
Sɛdeɛ wɔka nufosuo nu mu a sradeɛ firi mu bana wɔkyinkyim hwene a ɛtu mogya no,saa ara na abufuo de akasakasa ba.”