Scripture
Mmɛbusɛm 27
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmɛbusɛm 27 Bible text
Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.
Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu;sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.
Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ,nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛso no hwɛ.
Sɛ wowɔ ɔkwasea wɔ ɔwaduro mu,sɛ wode ɔwɔma wɔ no te sɛ deɛ wosi aburoo a,worentumi nnyi agyimisɛm mfiri ne ho.