Scripture
Mmɛbusɛm 26
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmɛbusɛm 26 Bible text
Sɛdeɛ sukyerɛmma te ahuhuro berɛ anaasɛ osutɔ te wɔ otwa berɛ nosaa ara na animuonyam mfata ɔkwasea.
Sɛdeɛ ɛpono di akɔneaba wɔ ne mponterɛ so no,saa ara na ɔkwadwofoɔ twa ne ho wɔ ne mpa so.
Ɔkwadwofoɔ yɛ onyansafoɔ wɔ ɔno ankasa ani sosene nnipa baason a wɔdwene asɛm ho na wɔabua.
Obi a ɔsɔ ɔkraman aso twe noɔ note sɛ obi a ɔretwam na ɔde ne ho kɔfra ntɔkwa a ɛmfa ne ho mu.
Sɛdeɛ gyabidie dane gyasramma na anyina dane ogya no,saa ara na ntɔkwapɛfoɔ hyɛ ntɔkwa mu kutupa.