Scripture
Mmɛbusɛm 28
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmɛbusɛm 28 Bible text
Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu,nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase.
Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so nobɛhwe ɔno ankasa afidie mu,nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ.
Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so,nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ.
Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii;nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta.
Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ.
Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so note sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ.
Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten.
Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no,ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da;mma obiara mmɔ ne ho ban.
Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu,nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim.
Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii,nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia.
Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta;na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.