Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 25

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 25 Bible text

ASCB: 1ASCB

Yeinom yɛ Salomo mmɛbusɛm nkekaho a Yudahene Hesekia afotufoɔ twerɛeɛ:

ASCB: 2ASCB

Ɛyɛ Onyankopɔn animuonyamhyɛ sɛ wɔde asɛm sie;sɛ wɔpɛɛpɛɛ asɛm mu nso hyɛ ahemfo animuonyam.

ASCB: 3ASCB

Sɛdeɛ ɔsoro korɔn na asase mu dɔ no,saa ara na wɔrentumi nhwehwɛ ahemfo akoma mu.

ASCB: 4ASCB

Sɛ wɔyi dwetɛ ho a,dwetɛdwumfoɔ tumi de yɛ adeɛ a ɛho wɔ mfasoɔ;

ASCB: 5ASCB

Yi amumuyɛfoɔ firi ɔhene anim,na tenenee bɛma nʼahennwa atim.

ASCB: 6ASCB

Mma wo ho so wɔ ɔhene anim,na mpere diberɛ wɔ atitire mu;

ASCB: 7ASCB

Ɛyɛ ma no sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Bra soro ha,”sene sɛ ɔbɛbrɛ wo ase wɔ otitire bi anim.Deɛ wode wʼani ahunu no

ASCB: 8ASCB

mpɛ ntɛm mfa nkɔ asɛnniiɛ,na sɛ awieeɛ no wo yɔnko gu wʼanim ase aɛdeɛn na wobɛyɛ?

ASCB: 9ASCB

Sɛ wo ne wo yɔnko di asɛm anna obi foforɔ ahintasɛm adi,

ASCB: 10ASCB

anyɛ saa a, deɛ ɔbɛte no bɛgu wʼanim asena edin bɔne a wobɛnya no rempepa da.

ASCB: 11ASCB

Asɛm a wɔka no sɛdeɛ ɛfata note sɛ sika kɔkɔɔ a wɔabɔ sɛ aprɛde atuatua dwetɛ nsiesieɛ mu.

ASCB: 12ASCB

Sikakɔkɔɔ asomuadeɛ anaa sikakɔkɔɔ amapa ahyehyɛdeɛte sɛ onyansafoɔ animka a ɔde ma deɛ ɔyɛ aso ma no.

ASCB: 13ASCB

Sɛdeɛ sukyerɛmma ma ewiem dwoɔ wɔ otwa berɛ mu nosaa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsoma no;na ɔma ne wuranom akomatɔyam.

ASCB: 14ASCB

Omununkum ne mframa a ɛmfa osutɔ mma note sɛ onipa a ɔde akyɛdeɛ a ɔmmfa mma hoahoa ne ho.

ASCB: 15ASCB

Ntoboaseɛ ma sodifoɔ ti da,na tɛkrɛmabereɛ tumi bu dompe mu.

ASCB: 16ASCB

Sɛ wonya ɛwoɔ a, enni ntra so,ne bebrebe bɛma woafe.

ASCB: 17ASCB

Ntaa nkɔ wo yɔnko fie,wo ho fono no a, ɔbɛtan wo.

ASCB: 18ASCB

Onipa a ɔdi adansekurumu tia ne yɔnko note sɛ aporibaa, afena anaa bɛmma a ano yɛ nnam.

ASCB: 19ASCB

Ɛse a ɛyare kaka anaa ɛnan a ɛyɛ apakyete sɛ deɛ wode wo ho to ɔtorofoɔ so hiada mu.

ASCB: 20ASCB

Deɛ ɔto dwom kyere ɔwerɛhoni note sɛ deɛ ɔpa ntoma gu awɔberɛ muanaa te sɛ nsã nyinyanyinya a wɔhwie gu afransa soɔ.

ASCB: 21ASCB

Sɛ ɛkɔm de wo ɔtamfoɔ a, ma no aduane nni;sɛ osukɔm de no a, ma no nsuo nnom.

ASCB: 22ASCB

Sɛ woyɛ saa a, wobɛsoso gyasramma agu nʼatifi,na Awurade bɛma wo akatua.

ASCB: 23ASCB

Sɛdeɛ atifi fam mframa de osutɔ ba no,saa ara na tɛkrɛma a ɛdi nsekuro de omuna ba.

ASCB: 24ASCB

Ɛyɛ sɛ wobɛtena suhyɛ ase mantweaa bi,sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.

ASCB: 25ASCB

Nsuonwunu a ɔkra a ato baha nya note sɛ asɛmmɔdɛ a ɛfiri akyirikyiri.

ASCB: 26ASCB

Asutire a ahono anaa abura a ayɛ pɔtɔɔ,te sɛ ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma amumuyɛfoɔ.

ASCB: 27ASCB

Ɛnyɛ sɛ wɔdi ɛwoɔ ntrasoɔ,na ɛnyɛ fɛ nso sɛ obi pɛ animuonyam ma ne ho.

ASCB: 28ASCB

Onipa a ɔnni ahohyɛsoɔ note sɛ kuropɔn a nʼafasuo abubu agu fam.