Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 24

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 24 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ,mfa wo ho mmɔ wɔn;

ASCB: 2ASCB

Ɛfiri sɛ, wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho,na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.

ASCB: 3ASCB

Wɔde nyansa na ɛsi efie,na nhunumu mu na wɔma ɛtim;

ASCB: 4ASCB

ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho yɛ nana ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.

ASCB: 5ASCB

Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso,na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;

ASCB: 6ASCB

deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ,deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii.

ASCB: 7ASCB

Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea;wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.

ASCB: 8ASCB

Onipa ɔbɔ pɔ bɔne nowɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.

ASCB: 9ASCB

Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne,nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.

ASCB: 10ASCB

Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a,na wʼahoɔden sua!

ASCB: 11ASCB

Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa;na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ.

ASCB: 12ASCB

Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,”deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa?Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa?Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?

ASCB: 13ASCB

Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ;ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ.

ASCB: 14ASCB

Hunu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;sɛ wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye,na wʼanidasoɔ renyɛ kwa.

ASCB: 15ASCB

Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ,na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,

ASCB: 16ASCB

Ɛwom sɛ ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio,na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase.

ASCB: 17ASCB

Sɛ wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ;na sɛ ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie,

ASCB: 18ASCB

ɛfiri sɛ Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛna ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so.

ASCB: 19ASCB

Ɛnha wo ho wɔ abɔnefoɔ entina ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso,

ASCB: 20ASCB

ɛfiri sɛ, ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye,na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea.

ASCB: 21ASCB

Me ba, suro Awurade ne ɔhene,na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho,

ASCB: 22ASCB

ɛfiri sɛ saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim,na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba?

ASCB: 23ASCB

Yeinom nso yɛ anyansafoɔ Nsɛnka:Atemmuo a animhwɛ wɔ mu no nyɛ:

ASCB: 24ASCB

Obiara a ɔbɛka akyerɛ deɛ ɔdi fɔ sɛ, “Wo ho nni asɛm” nonnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.

ASCB: 25ASCB

Na wɔn a wɔbu afɔdifoɔ fɔ no ɛbɛsi wɔn yie,na nhyira bɛba wɔn so.

ASCB: 26ASCB

Mmuaeɛ pate sɛ mfeano.

ASCB: 27ASCB

Wie wo mfikyidwumana siesie wo mfuo;ɛno akyi, si wo fie.

ASCB: 28ASCB

Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,na mfa wʼano nnaadaa.

ASCB: 29ASCB

Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.”

ASCB: 30ASCB

Menante faa onihafoɔ afuo hotwaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho;

ASCB: 31ASCB

nkasɛɛ afu wɔ baabiara,wira afu akata asase no so,na aboɔ afasuo no nso abubu.

ASCB: 32ASCB

Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no sona mesuaa biribi firii mu:

ASCB: 33ASCB

nna kakra, nkotɔ kakra,nsa a woabobɔ de rehome kakra,

ASCB: 34ASCB

bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔna nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a ɔkura akodeɛ. Na ohia bɛto akyere wo sɛ ɔkwanmukafoɔ; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfoɔ.