Scripture
Mmɛbusɛm 23
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmɛbusɛm 23 Bible text
ɛfiri sɛ ɔyɛ obi aɛberɛ biara ɔdwene sika ho.Ɔka sɛ, “Didi na nom,”nanso ɛnyɛ nʼakoma mu.
Hwan na wɔadome no? Hwan na ɔdi awerɛhoɔ?Hwan na ɔdi apereapereɛ? Hwan na ɔnwiinwii?Hwan na wapirapira hunaa? Hwan na mogya ada nʼani so?
Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a,ɔkura ɛhyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ɛdenkye denkye wɔ ɛpo so.
Na wobɛka sɛ, “Wɔbɔ me, nanso mempira.Wɔboro me, nanso mente ɔyea biara.Ɛberɛ bɛn na menyaneakɔpɛ nsã anom bio?”