Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 22

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 22 Bible text

ASCB: 1ASCB

Edin pa yɛ sene ahonya bebrebe;sɛ wɔbɛdi wo ni yɛ sene dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ.

ASCB: 2ASCB

Ɔdefoɔ ne ohiani wɔ adeɛ baako, Awurade ne wɔn nyinaa Yɛfoɔ.

ASCB: 3ASCB

Onitefoɔ hunu amanehunu a ɛreba na ɔhinta ne ho,nanso atetekwaa kɔ nʼanim kɔnya amane.

ASCB: 4ASCB

Ahobrɛaseɛ ne Awurade suroma ahonya ne animuonyam ne nkwa.

ASCB: 5ASCB

Nkasɛɛ ne mfidie wɔ amumuyɛfoɔ akwan so,nanso deɛ ɔbɔ ne kra ho ban no mmɛn ho.

ASCB: 6ASCB

Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa so,na sɛ ɔnyini a ɔremfiri so.

ASCB: 7ASCB

Adefoɔ di ahiafoɔ so,na boseagyeni yɛ deɛ ɔde fɛm ɔsomfoɔ.

ASCB: 8ASCB

Deɛ ɔdua amumuyɛsɛm no twa ɔhawna wɔbɛsɛe nʼabufuhyeɛ abaa.

ASCB: 9ASCB

Ɔyamyɛfoɔ bɛnya nhyiraɛfiri sɛ ɔne ahiafoɔ kyɛ nʼaduane.

ASCB: 10ASCB

Pam ɔfɛdifoɔ na basabasayɛ nso bɛkɔ;ntɔkwa ne atɛnnidie to atwa.

ASCB: 11ASCB

Obi a ɔdɔ akoma a emu teɛ na ne kasa ho yɛ nyambɛnya ɔhene afa no adamfo.

ASCB: 12ASCB

Awurade ani wɛn nimdeɛ,na ɔsɛe ɔtorofoɔ nsɛm.

ASCB: 13ASCB

Ɔkwadwofoɔ ka sɛ, “Gyata bi wɔ mfikyire hɔ!”anaasɛ, “Wɔbɛkum me wɔ mmɔntene so.”

ASCB: 14ASCB

Ɔbaa waresɛefoɔ anomu yɛ amena donkudonku;deɛ ɔhyɛ Awurade abufuo ase no bɛtɔ mu.

ASCB: 15ASCB

Agyimisɛm kyekyere abɔfra akoma ho,nanso ntenesoɔ abaa bɛpamo akɔ akyiri.

ASCB: 16ASCB

Obi bɛsisi ohiani de apɛ ahonyaanaa ɔbɛkyɛ ɔdefoɔ adeɛ, ne nyinaa de no kɔ ohia mu.

ASCB: 17ASCB

Yɛ aso na tie anyansasɛm yi;fa wʼakoma di me nkyerɛkyerɛ akyi,

ASCB: 18ASCB

ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wokora saa nsɛm yi wɔ wʼakoma mu,na ne nyinaa ada wʼano.

ASCB: 19ASCB

Sɛdeɛ wode wo ho bɛto Awurade so,merekyerɛkyerɛ wo ɛnnɛ, aane wo.

ASCB: 20ASCB

Mentwerɛɛ mmɛ aduasa mmaa wo,deɛ ɛyɛ afotusɛm ne nimdeɛ,

ASCB: 21ASCB

a ɛkyerɛkyerɛ wo nokorɛ ne deɛ akyinnyeɛ nni ho,sɛdeɛ wobɛnya mmuaeɛ pa ama deɛ ɔsomaa woɔ no anaa?

ASCB: 22ASCB

Mmɔ ahiafoɔ korɔno, sɛ wɔyɛ ahiafoɔ enti,na nnsisi wɔn a wɔnni bie wɔ asɛnniiɛ,

ASCB: 23ASCB

ɛfiri sɛ Awurade bɛdi wɔn asɛm ama wɔnna wafom afa wɔn a wɔfom ahiafoɔ fa.

ASCB: 24ASCB

Mfa obi a ne bo ha no adamfo,na mmfa wo ho mmɔ deɛ ne bo nkyɛre fu,

ASCB: 25ASCB

anyɛ saa a, wobɛsua nʼakwanna woakɔtɔ afidie mu.

ASCB: 26ASCB

Ɛnyɛ deɛ ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di agyinamu,anaasɛ deɛ ɔdi akagyinamu;

ASCB: 27ASCB

na sɛ wonni deɛ wɔde tua awɔbɛhwan wo mpa mpo afiri wʼase.

ASCB: 28ASCB

Ntutu tete aboɔ a wɔde ato hyeɛ;deɛ wo nananom de sisii hɔ no.

ASCB: 29ASCB

Wohunu odwumayɛfoɔ a ne nsa akokwa nʼadwuma ho anaa?Ahemfo anim na ɔbɛsom,na ɔrensom wɔ mpapahwekwaa anim.