Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 2

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 2 Bible text

ASCB: 1ASCB

Me ba, sɛ wotie me nsɛm,na woma me nkyerɛkyerɛ tena wo mu a,

ASCB: 2ASCB

sɛ wowɛn wʼaso ma nyansana wode wʼakoma ma nteaseɛ,

ASCB: 3ASCB

na woma wo nne so frɛ nhunumuna wosu frɛ nteaseɛ,

ASCB: 4ASCB

na sɛ wohwehwɛ no te sɛ deɛ wohwehwɛ dwetɛna wo hwehwɛ no sɛdeɛ worepɛ ademudeɛ a ahinta a,

ASCB: 5ASCB

ɛno na wobɛte Awurade suro asena woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ.

ASCB: 6ASCB

Awurade ma nimdeɛ,na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.

ASCB: 7ASCB

Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ,ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,

ASCB: 8ASCB

ɔwɛn deɛ ɔtene akwan,na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban.

ASCB: 9ASCB

Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ pɛne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.

ASCB: 10ASCB

Afei nyansa bɛwura wʼakoma mu,na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.

ASCB: 11ASCB

Adwene bɛbɔ wo ho banna nteaseɛ ahwɛ wo so.

ASCB: 12ASCB

Nyansa bɛyi wo afiri amumuyɛfoɔ akwan mu,ɛbɛyi wo afiri nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,

ASCB: 13ASCB

na wɔmane firi akwan pa sokɔnante esum akwan so,

ASCB: 14ASCB

wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho,na wɔdi ahurisie wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,

ASCB: 15ASCB

wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkyena wɔyɛ abonsamfoɔ wɔ wɔn akwan mu.

ASCB: 16ASCB

Nimdeɛ bɛgye wo afiri ɔbaa waresɛefoɔ no nsam,afiri ɔbaa warefoɔ sansani a ɔka nnaadaasɛm ho,

ASCB: 17ASCB

deɛ wagyaa ne mmabaawaberɛ mu kununa wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.

ASCB: 18ASCB

Ne fie yɛ ɛkwan a ɛkɔ owuo muna nʼakwan kɔ awufoɔ honhom nkyɛn.

ASCB: 19ASCB

Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mmaanaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.

ASCB: 20ASCB

Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyina woanante ateneneefoɔ akwan so.

ASCB: 21ASCB

Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtene bɛtena asase no so,na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;

ASCB: 22ASCB

na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so,na wɔatɔre atorofoɔ ase.