Scripture
Mmɛbusɛm 1
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Mmɛbusɛm 1 Bible text
Ne botaeɛ ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛsoɔ;ne sɛ ɛbɛboa ma wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
“Mo adwenemherɛfoɔ, mobɛyɛ adwenemherɛ akɔsi da bɛn?Fɛdifoɔ bɛdi fɛ akɔsi da bɛn?Nkwaseafoɔ bɛkyiri nimdeɛ akɔsi da bɛn?
Sɛ motiee mʼaninka a,anka mekaa mʼakoma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ momaa mo hunuu me nsusuiɛ.
sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum,na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ twahoframa,na awerɛhoɔ ne ɔhaw mene mo a,
Nanso, obiara a ɔbɛtie me no, ɔbɛtena ase asomdwoeɛ muna ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”