Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 3

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 3 Bible text

ASCB: 1ASCB

Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ,kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu,

ASCB: 2ASCB

na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebreena ɛde yiedie abrɛ wo.

ASCB: 3ASCB

Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛnfa yane wo kɔn mutwerɛ gu wʼakoma ɛpono so.

ASCB: 4ASCB

Na wobɛnya adom ne din pawɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.

ASCB: 5ASCB

Fa wʼakoma nyinaa to Awurade sona mmfa wo ho nto wʼankasa nteaseɛ so;

ASCB: 6ASCB

hunu no wʼakwan nyinaa mu,na ɔbɛtene wʼakwan.

ASCB: 7ASCB

Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔsuro Awurade na kyiri bɔne.

ASCB: 8ASCB

Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipaduana ayɛ aduane ama wo nnompe.

ASCB: 9ASCB

Fa wʼahonya hyɛ Awurade animuonyam,ne wo nnɔbaeɛ a ɛdi ɛkan nyinaa;

ASCB: 10ASCB

na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,na nsã foforɔ abu afa wʼankorɛ so

ASCB: 11ASCB

Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba,

ASCB: 12ASCB

Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no.

ASCB: 13ASCB

Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa,onipa a ɔnya nteaseɛ,

ASCB: 14ASCB

ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ,na deɛ ɛfiri mu ba sene sikakɔkɔɔ.

ASCB: 15ASCB

Ne boɔ yɛ dene sene bota;na worentumi mfa wʼapɛdeɛ biara ntoto ho.

ASCB: 16ASCB

Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ ne nsa benkum mu.

ASCB: 17ASCB

Nʼakwan yɛ ahomeka,na nʼasa nyinaa yɛ asomdwoeɛ.

ASCB: 18ASCB

Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu;wɔn a wɔkura ne mu no bɛnya nhyira.

ASCB: 19ASCB

Nyansa mu na Awurade yɛɛ asase fapem,na nteaseɛ mu na ɔde ɔsoro timii hɔ.

ASCB: 20ASCB

Ɛfiri ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebunu mu,na omununkum nso tɔɔ bosuo.

ASCB: 21ASCB

Me ba, fa atemmuo pa ne nhunumu sie,na mma ɛmfiri wʼani so;

ASCB: 22ASCB

ɛbɛyɛ nkwa ama wo,ahyehyɛdeɛ a ɛma wɔ kɔn nya animuonyam.

ASCB: 23ASCB

Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,na wo nan rensunti;

ASCB: 24ASCB

sɛ woda a worensuro;sɛ woda a wʼani bɛkum.

ASCB: 25ASCB

Nsuro mpofirim amanehunuanaa ɔsɛeɛ a ɛba amumuyɛfoɔ so,

ASCB: 26ASCB

Ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wʼawerɛhyɛmna ɔbɛkora wo nan afiri afidie mu.

ASCB: 27ASCB

Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,ɛberɛ a tumi wɔ wo nsam.

ASCB: 28ASCB

Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ:“Kɔ na bra; mede bɛma wo ɔkyena”wɔ ɛberɛ a wowɔ no saa ɛberɛ no.

ASCB: 29ASCB

Mpam ɔhaw mma wo yɔnkoɛberɛ a ɔne wo te yie.

ASCB: 30ASCB

Mfa ɛso nto obi so kwaɛberɛ a ɔnyɛɛ wo bɔne biara.

ASCB: 31ASCB

Mma wʼani mmere basabasayɛfoɔ,na mfa nʼakwan no mu biara,

ASCB: 32ASCB

ɛfiri sɛ Awurade kyiri basabasayɛfoɔna ɔde ne werɛ hyɛ ɔteneneeni mu.

ASCB: 33ASCB

Awurade nnome wɔ omumuyɛfoɔ efie so,na ɔhyira ɔteneneeni fie.

ASCB: 34ASCB

Ɔdi fɛdifoɔ a wɔyɛ ahantan ho fɛna ɔdom ahobrɛasefoɔ.

ASCB: 35ASCB

Anyansafoɔ bɛnya animuonyam adi,nanso nkwaseafoɔ deɛ, ɔma wɔn anim gu ase.