Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 17

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 17 Bible text

ASCB: 1ASCB

Aduane mmɔwe a asomdwoeɛ wɔ hoyɛ sene efie a apontoɔ ahyɛ no ma a nso basabasayɛ wɔ mu.

ASCB: 2ASCB

Ɔsomfoɔ nyansafoɔ bɛdi ɔba nimguasefoɔ so,na ɔbɛnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ no mu sɛ anuanom no mu baako.

ASCB: 3ASCB

Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔnanso Awurade na ɔsɔ akoma hwɛ.

ASCB: 4ASCB

Omumuyɛfoɔ tie nsusuiɛ bɔne;ɔtorofoɔ yɛ aso ma adwen bɔne tɛkrɛma.

ASCB: 5ASCB

Deɛ ɔdi ahiafoɔ ho fɛ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa;na deɛ ɔfoa amanehunu soɔ no bɛnya asotwe.

ASCB: 6ASCB

Mmanananom yɛ mmasiriwa animuonyam,na awofoɔ yɛ wɔn mma ahohoahoa.

ASCB: 7ASCB

Anokrokro nyɛ mma ɔkwasea,saa ara na ano a ɛdi torɔ mfata ɔhene.

ASCB: 8ASCB

Kɛtɛasehyɛ daadaa deɛ ɔma;ɔgye sɛ ɛbɛma no nkonim.

ASCB: 9ASCB

Deɛ ɔbu nʼani gu mfomsoɔ so no ma ɔdɔ ɛkwan,na deɛ ɔbɔ soɔ no tete nnamfonom ntam.

ASCB: 10ASCB

Nkaanim sɔ onipa a ɔwɔ nhunumu anisene mmaa ɔha a wɔbɔ ɔkwasea.

ASCB: 11ASCB

Onipa bɔnefoɔ ani wɔ atuateɛ nko ara sona wɔbɛsoma odwumayɛfoɔ tirimuɔdenfoɔ akɔ ne so.

ASCB: 12ASCB

Ɛyɛ sɛ wobɛhyia sisire a wɔawia ne mmasene ɔkwasea a ɔregyimie.

ASCB: 13ASCB

Sɛ obi de bɔne tua papa so ka a,bɔne rempa ne fie da.

ASCB: 14ASCB

Ntɔkwa ahyɛaseɛ te sɛ deɛ wɔretue suka;enti gyae ma ɛnka na ankɔfa ɔham amma.

ASCB: 15ASCB

Sɛ wɔbɛgyaa deɛ ɔdi fɔ ne sɛ wɔbɛbu deɛ ɔdi bem kumfɔ no, Awurade kyiri ne mmienu.

ASCB: 16ASCB

Sika a ɛwɔ ɔkwasea nsam ho nni mfasoɔ,ɛfiri sɛ ɔnni botaeɛ biara sɛ ɔbɛhunu nyansa.

ASCB: 17ASCB

Adamfo kyerɛ ɔdɔ ɛberɛ nyinaa mu,wɔwo onua barima ma ahokyere berɛ.

ASCB: 18ASCB

Obi a ɔnni adwene no na ɔde ne nsa hyɛ krataa ase di akagyinamunam so de si awowa ma ne yɔnko.

ASCB: 19ASCB

Deɛ ɔpɛ ntɔkwa no dɔ bɔne;deɛ ɔsi ɛpono tentene no frɛfrɛ ɔsɛeɛ.

ASCB: 20ASCB

Onipa a ɔwɔ akoma kontonkyi no nnya nkɔsoɔ;deɛ ne tɛkrɛma daadaa no tɔ amaneɛ mu.

ASCB: 21ASCB

Deɛ ɔwo ɔba kwasea no di awerɛhoɔ;ɔba kwasea agya nni anigyeɛ.

ASCB: 22ASCB

Akoma mu anigyeɛ yɛ aduro ɛsa yadeɛ,nanso honhom a apɛkyɛ no wewe nnompe.

ASCB: 23ASCB

Omumuyɛfoɔ gye adanmudeɛ wɔ esum asede kyea atɛntenenee.

ASCB: 24ASCB

Onipa a ɔwɔ nhunumu no ani kɔ nyansa so,na ɔkwasea toto nʼani kɔsi asase ano.

ASCB: 25ASCB

Ɔba kwasea hyɛ nʼagya awerɛhoɔ,na ɔma deɛ ɔnyinsɛnee no no di yea.

ASCB: 26ASCB

Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso,anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti.

ASCB: 27ASCB

Ɔnimdefoɔ dwene nʼanom kasa ho,na deɛ ɔwɔ nhunumu no wɔ abodwoɔ.

ASCB: 28ASCB

Mpo sɛ ɔkwasea yɛ dinn a wɔbu no sɛ ɔnyansafoɔ,na sɛ ɔmua nʼano a wɔbu no sɛ ɔwɔ nhunumu.