Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 18

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 18 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɔhonankani yɛ pɛsɛmenkomenya;na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee.

ASCB: 2ASCB

Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛna mmom deɛ ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto dwa.

ASCB: 3ASCB

Sɛ amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so,na aniwuo nso di animguaseɛ akyi.

ASCB: 4ASCB

Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ,na nyansa asutire yɛ asuwa a ɛrepu ahuro.

ASCB: 5ASCB

Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔanaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.

ASCB: 6ASCB

Ɔkwasea ano de akasakasa bana nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ.

ASCB: 7ASCB

Ɔkwasea ano yɛ ɔno ara sɛeɛna nʼanofafa yɛ ne kra afidie.

ASCB: 8ASCB

Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ;ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.

ASCB: 9ASCB

Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase nonuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.

ASCB: 10ASCB

Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den;ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ.

ASCB: 11ASCB

Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho banwɔfa no sɛ ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo.

ASCB: 12ASCB

Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma,na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

ASCB: 13ASCB

Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no,ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ.

ASCB: 14ASCB

Onipa sunsum na ɛhyɛ no den wɔ yadeɛ muna honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ?

ASCB: 15ASCB

Nhunumu akoma nya nimdeɛ;na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ.

ASCB: 16ASCB

Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde mana ɛde no ba atitire anim.

ASCB: 17ASCB

Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ,kɔsi sɛ ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu.

ASCB: 18ASCB

Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so,na ɛpata atamfoɔ.

ASCB: 19ASCB

Onua a wɔafom noɔ no asɛm yɛ dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ,akyinnyegyeɛ te sɛ abankɛsewa apono a wɔabram akyire.

ASCB: 20ASCB

Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee,nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no.

ASCB: 21ASCB

Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi,na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.

ASCB: 22ASCB

Deɛ wanya yere no anya adepana ɔnya adom firi Awurade hɔ.

ASCB: 23ASCB

Ohiani srɛ ahummɔborɔ,nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.

ASCB: 24ASCB

Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase,nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.