Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 16

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 16 Bible text

ASCB: 1ASCB

Akoma mu nhyehyɛeɛ yɛ onipa dea,na tɛkrɛma mmuaeɛ firi Awurade.

ASCB: 2ASCB

Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronnnanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.

ASCB: 3ASCB

Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.

ASCB: 4ASCB

Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botaeɛ,mpo, ɔhwɛ omumuyɛfoɔ kɔsi amanehunu da.

ASCB: 5ASCB

Awurade kyiri akoma mu ahantanfoɔ nyinaa.Nya saa nteaseɛ yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni.

ASCB: 6ASCB

Wɔnam ɔdɔ ne nokorɛ so pata bɔne;onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.

ASCB: 7ASCB

Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a,ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu.

ASCB: 8ASCB

Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no yɛsene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya.

ASCB: 9ASCB

Onipa yɛ ne nhyehyɛeɛ wɔ nʼakoma mu,nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo.

ASCB: 10ASCB

Ɔhene anomu kasa te sɛ nkɔmhyɛ,enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka deɛ ɛnyɛ atɛntenenee.

ASCB: 11ASCB

Nsania ne abrammoɔ a nsisie nni mu firi Awurade;nkariboɔ a ɛwɔ kotokuo mu no, ɔno na ɔyɛeɛ.

ASCB: 12ASCB

Ahemfo kyiri bɔneyɛ,ɛfiri sɛ ahennwa si tenenee so.

ASCB: 13ASCB

Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokorɛ;na wɔbu onipa a ɔka nokorɛ.

ASCB: 14ASCB

Ɔhene abufuhyeɛ yɛ owuo somafoɔ,nanso onyansafoɔ bɛdwodwo ano.

ASCB: 15ASCB

Sɛ ɔhene anim te a, ɛyɛ nkwa,nʼadom te sɛ osutɔberɛ mu osumuna.

ASCB: 16ASCB

Ɛyɛ sɛ wobɛnya nyansa sene sɛ wobɛnya sikakɔkɔɔ,sɛ wobɛnya nhunumu sene sɛ wobɛnya dwetɛ!

ASCB: 17ASCB

Ɔteneneeni kwantempɔn kwati bɔne;deɛ ɔhwɛ nʼakwan yie no bɔ ne nkwa ho ban.

ASCB: 18ASCB

Ahantan di ɔsɛeɛ anim,na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim.

ASCB: 19ASCB

Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so musene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ.

ASCB: 20ASCB

Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ;nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so.

ASCB: 21ASCB

Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ,na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

ASCB: 22ASCB

Nteaseɛ yɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi,nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ.

ASCB: 23ASCB

Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan,na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

ASCB: 24ASCB

Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛmɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yadeɛ.

ASCB: 25ASCB

Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,nanso ɛkɔwie owuo mu.

ASCB: 26ASCB

Odwumayɛfoɔ akɔnnɔ ma no yɛ adwuma den;ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔkum ne kɔm.

ASCB: 27ASCB

Ohuhuni bɔ pɔ bɔne,ne kasa te sɛ egyadɛreɛ a ɛhye adeɛ.

ASCB: 28ASCB

Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba,na osekuni tete nnamfonom ntam.

ASCB: 29ASCB

Basabasayɛni daadaa ne yɔnkona ɔde no fa ɛkwammɔne so.

ASCB: 30ASCB

Deɛ ɔbu nʼani no redwene bɔneyɛ ho;na deɛ ɔmua nʼano no ani wɔ bɔne so.

ASCB: 31ASCB

Ɛdwono yɛ animuonyam abotire;tenenee mu asetena na ɛde ba.

ASCB: 32ASCB

Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no yɛ sene ɔkofoɔ,na deɛ ɔmfa abufuo yɛ sene deɛ ɔko fa kuropɔn.

ASCB: 33ASCB

Wɔtwe ntonto de hwehwɛ deɛ Awurade pɛ,nanso ne gyinasie biara firi Awurade.