Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 15

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 15 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo,nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.

ASCB: 2ASCB

Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ,nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.

ASCB: 3ASCB

Awurade ani hunu baabiara,na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.

ASCB: 4ASCB

Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua,nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.

ASCB: 5ASCB

Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee,na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.

ASCB: 6ASCB

Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie,nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn.

ASCB: 7ASCB

Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu;nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ.

ASCB: 8ASCB

Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ,nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani.

ASCB: 9ASCB

Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan,nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee.

ASCB: 10ASCB

Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so,deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu.

ASCB: 11ASCB

Owuo ne Ɔsɛeɛ da Awurade anim,na nnipa akoma mu deɛ, ɔnim ma ɛboro so.

ASCB: 12ASCB

Ɔfɛdifoɔ mpɛ ntenesoɔ;ɔnnkɔbisa anyansafoɔ hwee.

ASCB: 13ASCB

Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere,na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.

ASCB: 14ASCB

Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ,nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.

ASCB: 15ASCB

Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ,nanso anigyeɛ akoma wɔ daa ahosɛpɛ mu.

ASCB: 16ASCB

Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛsene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.

ASCB: 17ASCB

Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛsene nantwie sradenam a ɔtan bata ho.

ASCB: 18ASCB

Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba,nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.

ASCB: 19ASCB

Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi,nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn.

ASCB: 20ASCB

Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gyenanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.

ASCB: 21ASCB

Agyimisɛm ma deɛ ɔnni adwene ani gye,nanso deɛ ɔwɔ nteaseɛ no fa ɛkwan a ɛtene so.

ASCB: 22ASCB

Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe,nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie.

ASCB: 23ASCB

Onipa a ɔma mmuaeɛ a ɛfata no ani gye,asɛm a ɛba berɛ pa mu no nso yɛ.

ASCB: 24ASCB

Onyansafoɔ asetena mu kwan ma no nkɔsoɔɛsi ne da mu korɔ ho ɛkwan.

ASCB: 25ASCB

Awurade sɛe ɔhantanni fiena ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ.

ASCB: 26ASCB

Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ,nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ.

ASCB: 27ASCB

Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua,nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.

ASCB: 28ASCB

Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ,nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.

ASCB: 29ASCB

Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraananso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ.

ASCB: 30ASCB

Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka,na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.

ASCB: 31ASCB

Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa none anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase.

ASCB: 32ASCB

Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa,na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu.

ASCB: 33ASCB

Awurade suro kyerɛ onipa nyansa,ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.