Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 14

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 14 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɔbaa nyansafoɔ si ne dan,nanso ɔbaa kwasea de nʼankasa ne nsa dwiri ne deɛ gu fam.

ASCB: 2ASCB

Deɛ ne nanteɛ tene no suro Awurade,na deɛ nʼakwan kyea no bu no animtiaa.

ASCB: 3ASCB

Ɔkwasea kasa ma wɔbɔ nʼakyi abaa,nanso anyansafoɔ ano bɔ wɔn ho ban.

ASCB: 4ASCB

Baabi a anantwie nni no, adididaka no mu da mpan,na ɔnantwie ahoɔden mu na nnɔbaeɛ pii firi ba.

ASCB: 5ASCB

Ɔdanseni nokwafoɔ rennaadaa,ɔdansekurumni hwie atorɔ gu hɔ.

ASCB: 6ASCB

Ɔfɛdifoɔ hwehwɛ nyansa nanso ɔnnya,nanso wɔn a wɔwɔ nhunumu nya nimdeɛ ntɛm.

ASCB: 7ASCB

Twe wo ho firi ɔkwasea ho,ɛfiri sɛ, worennya nimdeɛ mfiri nʼano.

ASCB: 8ASCB

Anitefoɔ nyansa ne sɛ wɔbɛdwene wɔn akwan ho,na nkwaseafoɔ agyimisɛm yɛ nnaadaa.

ASCB: 9ASCB

Nkwaseafoɔ de bɔne ho adwensakyera di fɛ,na wɔn a wɔtene mu na anisɔ wɔ.

ASCB: 10ASCB

Akoma biara nim ɔyea ɛwɔ ne mu,na obi foforɔ rentumi ne no nkyɛ nʼanigyeɛ.

ASCB: 11ASCB

Wɔbɛsɛe mumuyɛfoɔ efie,nanso teefoɔ ntomadan bɛyɛ frɔmm.

ASCB: 12ASCB

Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,nanso ɛkɔwie owuo mu.

ASCB: 13ASCB

Ɔsereɛ mu mpo, akoma tumi di yea,na anigyeɛ tumi wie awerɛhoɔ.

ASCB: 14ASCB

Akyirisanfoɔ bɛnya akatua sɛdeɛ wɔn akwan teɛ,na onipa pa nso bɛnya ne deɛ.

ASCB: 15ASCB

Atetekwaa gye biribiara di,nanso ɔnitefoɔ dwene nʼanammɔntuo ho.

ASCB: 16ASCB

Onyansafoɔ suro Awurade na ɔdwane bɔne,nanso ɔkwasea yɛ asowuiɛ ne basabasa.

ASCB: 17ASCB

Onipa a ne bo nkyɛre fuo no yɛ nkwaseadeɛ,na deɛ ɔpam apammɔne no, wɔtane no.

ASCB: 18ASCB

Ntetekwaafoɔ agyapadeɛ ne gyimie,na wɔde nimdeɛ bɔ anitefoɔ abotire.

ASCB: 19ASCB

Nnipa bɔnefoɔ bɛkoto nnipa pa anim,na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.

ASCB: 20ASCB

Ahiafoɔ deɛ, wɔn ayɔnkofoɔ mpo mpɛ wɔn anim ahwɛ,nanso adefoɔ wɔ nnamfonom bebree.

ASCB: 21ASCB

Deɛ ɔbu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne,na nhyira nka deɛ ne yam yɛ ma onnibie.

ASCB: 22ASCB

Wɔn a wɔbɔ pɔ bɔne nyera ɛkwan anaa?Nanso wɔn a wɔhyehyɛ deɛ ɛyɛ no nya adɔeɛ ne nokorɛ.

ASCB: 23ASCB

Adwumadenyɛ nyinaa de mfasoɔ ba,na kasa hunu deɛ, ɛkɔ ohia mu.

ASCB: 24ASCB

Anyansafoɔ ahonya ne wɔn abotire,na nkwaseafoɔ agyimisɛm so gyimie aba.

ASCB: 25ASCB

Ɔdanseni nokwafoɔ gye nkwa,nanso ɔdansekurumni yɛ ɔdaadaafoɔ.

ASCB: 26ASCB

Deɛ ɔsuro Awurade no wɔ banbɔ a emu yɛ den,na ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.

ASCB: 27ASCB

Awurade suro yɛ nkwa asutire,ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

ASCB: 28ASCB

Ɔman mu nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam,nanso sɛ asomfoɔ nni hɔ a mmapɔmma no sɛe.

ASCB: 29ASCB

Onipa a ɔwɔ abodwokyerɛ wɔ nteaseɛ a emu dɔ,na deɛ ne bo fu ntɛm no da agyimisɛm adi.

ASCB: 30ASCB

Akoma mu asomdwoeɛ ma onipadua nkwa,na anibereɛ ma nnompe porɔ.

ASCB: 31ASCB

Deɛ ɔhyɛ ahiafoɔ soɔ no bu wɔn Yɛfoɔ animtiaa,nanso deɛ ɔhunu ohiani mmɔbɔ no hyɛ Onyankopɔn animuonyam.

ASCB: 32ASCB

Sɛ amanehunu ba a amumuyɛfoɔ hwe ase,nanso owuo mu mpo teneneefoɔ wɔ dwanekɔbea.

ASCB: 33ASCB

Nyansa te nteaseɛ akoma mu,na nkwaseafoɔ mu mpo, ɔyi ne ho adi.

ASCB: 34ASCB

Tenenee pagya ɔmanna bɔne yɛ animguaseɛ ma nnipa biara.

ASCB: 35ASCB

Ɔhene ani sɔ ɔsomfoɔ nyansani,na ɔsomfoɔ nimguaseni hyɛ no abufuo.