Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 13

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 13 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɔba nyansafoɔ tie nʼagya nkyerɛkyerɛ;na ɔfɛdifoɔ ntie animka.

ASCB: 2ASCB

Nneɛma pa a ɛfiri onipa anom no ma no anigyeɛ,na wɔn a wɔnni nokorɛ no kɔn dɔ basabasayɛ.

ASCB: 3ASCB

Deɛ ɔkora nʼano no kora ne nkwa so,nanso deɛ ɔkasa a ɔnsusu ho no bɛba ɔsɛeɛ mu.

ASCB: 4ASCB

Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee,na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.

ASCB: 5ASCB

Teneneefoɔ kyiri deɛ ɛnyɛ nokorɛ,nanso amumuyɛfoɔ de aniwuo ne ahohora ba.

ASCB: 6ASCB

Tenenee bɔ ɔnokwafoɔ ho ban,na amumuyɛsɛm tu ɔbɔnefoɔ gu.

ASCB: 7ASCB

Obi yɛ ne ho sɛ ɔdefoɔ, a nso ɔnni hwee,ɔfoforɔ yɛ ne ho sɛ ohiani, a nso ɔwɔ ahonya bebree.

ASCB: 8ASCB

Obi ahonya bɛtumi agye no nkwa,nanso ohiani nte ahunahuna biara.

ASCB: 9ASCB

Teneneefoɔ kanea hyerɛn pa ara,nanso wɔdum amumuyɛfoɔ kanea.

ASCB: 10ASCB

Ahantan de ntɔkwa nko ara na ɛba,na wɔhunu nyansa wɔ wɔn a wɔtie afutuo mu.

ASCB: 11ASCB

Ahonya a ɛnam kwammɔne soɔ no hwere ntɛm so,na deɛ ɔboa sika ano nkakrankakra no ma ɛdɔɔso.

ASCB: 12ASCB

Anidasoɔ a wɔtu hyɛ da no bɔ akoma yadeɛ,nanso anigyinadeɛ a nsa aka no yɛ nkwa dua.

ASCB: 13ASCB

Deɛ ɔtwiri ahyɛdeɛ no bɛtua so ka,nanso deɛ ɔde obuo ma mmara no, wɔma no akatua.

ASCB: 14ASCB

Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ te sɛ nkwa asutire,ɛyi onipa firi owuo afidie mu.

ASCB: 15ASCB

Nhunumu pa de adom ba,nanso atorofoɔ ɛkwan so yɛ den.

ASCB: 16ASCB

Ɔbadwemma biara yɛ nʼadeɛ wɔ nimdeɛ mu,nanso ɔkwasea da nʼagyimisɛm adi.

ASCB: 17ASCB

Ɔsomafoɔ mumuyɛfoɔ tɔ amaneɛ mu,nanso ɔnanmusini nokwafoɔ de abodwoɔ ba.

ASCB: 18ASCB

Deɛ ɔpo ntenesoɔ no kɔ ohia ne animguaseɛ mu,na deɛ ɔtie ntenesoɔ no, wɔhyɛ no animuonyam.

ASCB: 19ASCB

Akɔnnɔdeɛ a nsa aka ma ɔkra ani gye,nanso nkwaseafoɔ kyiri sɛ wɔtwe wɔn ho firi bɔne ho.

ASCB: 20ASCB

Deɛ ɔne onyansafoɔ nante no hunu nyansa,na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.

ASCB: 21ASCB

Ɔhaw di ɔbɔnefoɔ akyi,na nkɔsoɔ yɛ teneneeni akatua.

ASCB: 22ASCB

Onipa pa de agyapadeɛ gya ne nananom,na wɔkora ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ so ma ɔteneneeni.

ASCB: 23ASCB

Ohiani afuom nnɔbaeɛ tumi ba pii,nanso ntɛnkyea pra kɔ.

ASCB: 24ASCB

Deɛ ɔkyɛe nʼabaa so no tane ne ba,na deɛ ɔdɔ no no hwɛ sɛ ɔbɛtene no.

ASCB: 25ASCB

Teneneefoɔ didi ma wɔn akoma meenanso, ɛkɔm de amumuyɛfoɔ.