Skip to main content

Scripture

Mmɛbusɛm 12

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Mmɛbusɛm 12 Bible text

ASCB: 1ASCB

Obiara a ɔpɛ ahohyɛsoɔ no pɛ nimdeɛ,na deɛ ɔkyiri ntenesoɔ no yɛ ogyimifoɔ.

ASCB: 2ASCB

Onipa pa nya Awurade nkyɛn adom,na Awurade bu onifirani fɔ.

ASCB: 3ASCB

Amumuyɛsɛm rentumi mma onipa ase ntim,na wɔrentumi nntu ɔteneneeni ase.

ASCB: 4ASCB

Ɔyere a ɔwɔ suban pa yɛ ne kunu ahenkyɛ,nanso ɔyere animguasefoɔ te sɛ porɔeɛ wɔ ne kunu nnompe mu.

ASCB: 5ASCB

Teneneefoɔ nhyehyɛeɛ yɛ pɛ,na amumuyɛfoɔ afotuo yɛ nnaadaa.

ASCB: 6ASCB

Amumuyɛfoɔ nsɛm da hɔ twɛn mogya,na ɔteneneeni kasa yi wɔn firi mu.

ASCB: 7ASCB

Wɔtu amumuyɛfoɔ gu na wɔyera,nanso teneneefoɔ fie gyina pintinn.

ASCB: 8ASCB

Wɔkamfo onipa sɛdeɛ ne nyansa teɛna nnipa a wɔn adwene yɛ kɔntɔnkye deɛ, wɔbu wɔn animtiaa.

ASCB: 9ASCB

Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔteta a nso wowɔ ɔsomfoɔ,sene sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ obi, nanso wonni aduane.

ASCB: 10ASCB

Ɔteneneeni ma nʼayɛmmoa deɛ wɔpɛ,na amumuyɛfoɔ nneyɛɛ a ɛyɛ pa ara yɛ atirimuɔden.

ASCB: 11ASCB

Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane bebree,na deɛ ɔdi nsɛm huhuo akyi no nni adwene.

ASCB: 12ASCB

Amumuyɛfoɔ pɛ abɔnefoɔ afodeɛ,nanso ɔteneneeni ase dɔre.

ASCB: 13ASCB

Ɔbɔnefoɔ anosɛm yi no sɛ afidie,nanso ɔteneneeni nya ne ho tete wɔ ahohiahia mu.

ASCB: 14ASCB

Nneɛma pa firi onipa anomu aba mu hyɛ no masɛdeɛ ne nsa ano adwuma ma no akatua no.

ASCB: 15ASCB

Ɔkwasea akwan tene wɔ nʼani so,na ɔnyansafoɔ tie afotuo.

ASCB: 16ASCB

Ɔkwasea bo nkyɛre fu,nanso ɔbadwemma bu nʼani gu atɛnnidie so.

ASCB: 17ASCB

Ɔdanseni nokwafoɔ di adanseɛ turodoo,na deɛ ɔdi adansekurumu no twa nkontompo.

ASCB: 18ASCB

Nsɛm hunu keka wowɔ te sɛ akofenananso onyansafoɔ tɛkrɛma ma abodwoeɛ.

ASCB: 19ASCB

Ano a ɛka nokorɛ no tim hɔ daa,na atorɔ tɛkrɛma ɛnkyɛre koraa.

ASCB: 20ASCB

Nnaadaa hyɛ wɔn a wɔdwene bɔne ho akoma mu,na wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ nya ahosɛpɛ.

ASCB: 21ASCB

Ɔhaw biara rento ɔteneneeni,nanso amanehunu mee amumuyɛfoɔ.

ASCB: 22ASCB

Awurade kyiri ano a ɛtwa atorɔ,na nʼani gye nnipa a wɔdi nokorɛ ho.

ASCB: 23ASCB

Ɔnifirafoɔ mmɔ ne nimdeɛ ho dawurona nkwaseafoɔ akoma da agyimisɛm adi.

ASCB: 24ASCB

Nsa a ɛyɛ adwuma no bɛdi tumi,nanso akwadworɔ wie nkoasom mu.

ASCB: 25ASCB

Akoma a ɛpere adeɛ ho ma onipa boto,nanso nkuranhyɛsɛm bi hyɛ no den.

ASCB: 26ASCB

Ɔteneneeni wɔ ntoboaseɛ wɔ ayɔnkofa mu,nanso amumuyɛfoɔ kwan ma wɔfom.

ASCB: 27ASCB

Onihafoɔ ntoto ne hanam,nanso nsiyɛfoɔ ahonyadeɛ som bo ma wɔn.

ASCB: 28ASCB

Tenenee kwan mu wɔ nkwa;na owuo nni saa ɛkwan no so.