Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Nahum Nwoma 3

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Nahum Nwoma 3 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nnome nka mogya kuropɔna atorɔ ne korɔno ahyɛ no mana amanehunufoɔ mmpa mu da!

ASCB: 2ASCB

Apɔnkɔkafoɔ abaa regyegye,nteaseɛnam nhankra reyɛ kirididiApɔnkɔ rehurihurine nteaseɛnam redenkye denkye.

ASCB: 3ASCB

Apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ ko kɔ wɔn animakofena twa nyinam nyinamna mpea nso pa yerɛ yerɛ.Atɔfoɔ bebree,awufoɔ a ebi deda ebi soɔ,afunu a wɔntumi nkan wɔn dodoɔa nnipa tiatia soɔ.

ASCB: 4ASCB

Yei nyinaa firi odwamanfoɔ bi akɔnnɔ,ntafowayifoɔ no nnaadaa dodoɔ no.Ɔno na ɔde nʼadwamammɔ tɔn amanamanna ɔde nʼabayisɛm tɔn nnipa.

ASCB: 5ASCB

“Me ne wo nnka,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,“Mɛpagya wʼatadeɛ akɔ soro.Mɛma amanaman ahunu wʼadagyana ahennie ahodoɔ nso ahunu wʼanimguaseɛ.

ASCB: 6ASCB

Mede efi bɛfɔre wo ho,mɛbu wo animtiana mama nnipa ahwɛ wo.

ASCB: 7ASCB

Obiara a ɔbɛhunu wo bɛdwane afiri wo ho aka sɛ,‘Ninewe abɔ, na hwan na ɔbɛsu no?’Ɛhe na menya obi akyekyere wo werɛ?”

ASCB: 8ASCB

Woyɛ sene Tebes aɛda Asubɔnten Nil ho ansuo atwa he ho ahyia anaa?Asubɔnten bɔ ne ho banna nsuo yɛ ne fasuo.

ASCB: 9ASCB

Kus ne Misraim yɛ ne dɔm a wɔntumi nkan wɔn.Put ne Libia ka nʼadomfoɔ ho.

ASCB: 10ASCB

Nanso wɔfaa no dommumtwaa no asuo.Wɔtoo ne mmadoma hwehwee famma wɔtetee wɔ mmɔntene so.Wɔbɔɔ nʼaberempɔn so ntonto,na nʼatitire nso wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn.

ASCB: 11ASCB

Wo nso wʼani so bɛyɛ wo hagyahagya sɛ ɔsabofoɔNa wo bɛhinta wo hode akɔpɛ dwanekɔbea wɔ atamfoɔ nkyɛn.

ASCB: 12ASCB

Wʼaban nyinaa te sɛ borɔdɔma nnuaa aso aba foforɔ:sɛ wɔwoso aaba no tete gu ma deɛ ɔrepɛ bi adi.

ASCB: 13ASCB

Hwɛ wʼakofoɔwɔn nyinaa yɛ mmaa!Wʼasase so apono ano deda hɔ ma wʼatamfoɔ;ogya ahye wʼapono no akyiri adaban.

ASCB: 14ASCB

Sesa nsuo sie ma otua no.Yere wo banbɔ mu!Wɔ dɔteɛ nona siesie ntayaa a wato no!

ASCB: 15ASCB

Ɛhɔ na ogya bɛhye woɔ;akofena bɛtwa wo ahwe fam,na ayɛ wo sɛdeɛ mmɛbɛ adi wo nam.Mo nnɔre sɛ mmɛbɛ anaa ntutummɛ!

ASCB: 16ASCB

Wama wʼadwadifoɔ adɔɔso,wɔn dodoɔ asene ɔsoro nsoromma,nanso wɔte sɛ ntutummɛ a wɔbɔ asase no kwaterekwana afei wɔtu kɔ.

ASCB: 17ASCB

Wʼawɛmfoɔ te sɛ ntutummɛ.Wʼadwumayɛfoɔ te sɛ ntutummɛ akuoa wɔsensam ban ho awɔ da.Adekyeɛ mu owia pue a wɔtu kɔ,na obi nnim faako a wɔkɔ.

ASCB: 18ASCB

Ao, Asiriahene wo nnwanhwɛfoɔ retɔ nko.Wʼanimuonyamfoɔ deda hɔ rehome.Wo nkurɔfoɔ abɔ apete wɔ mmepɔ no soa wɔnni anoboaboafoɔ.

ASCB: 19ASCB

Aduro biara ntumi nkum wʼapirakuro no;wo pira no mu yɛ den.Obiara a ɔte wo nka nobɔ ne nsam wɔ wʼasehweɛ ho,Na hwan koraa na wommɔɔno atirimuɔden da?