Scripture
Odiyifoɔ Habakuk Nwoma 1
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Habakuk Nwoma 1 Bible text
Ao, Awurade, memfrɛ mmisa mmoa nkɔsi da bɛn,a nso wontie me?Meteam mefrɛ wo, akakabensɛm enti,nanso womma mmɛgye me.
Adɛn na woma mehwɛ ntɛnkyea?Adɛn enti na wotena bɔne ho?Ɔsɛeɛ ne akakabensɛm da mʼanim,basabasayɛ ne abɛbrɛsɛ atwa me ahyia.
Enti, mmara nyɛ adwumana atɛntenenee nni baabiara,atirimuɔdenfoɔ aka ateneneefoɔ ahyɛ,enti wɔkyea atemmuo.
“Momma ɛnyɛ mo nwanwa,na mo ho nnwiri mo!Merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so,na sɛ obi ka kyerɛ mo a,morennye nni.
Mema Babiloniafoɔ asɔre,ɔman a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ ne ntɔkwapɛfoɔ;wɔbufa asase nyinaa so,na wɔfa tenabea a ɛnyɛ wɔn dea.
Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ,na wɔn ho yɛ hu sene pataku a ɔnam anadwo,wɔn apɔnkɔsotefoɔ kɔ wɔn anim mmarima so,wɔfiri akyirikyiri nsase so,na wɔto hoo sɛ akroma a ɔrekɔkye aboa.
Wɔn nyinaa ba sɛ wɔrebɛyɛ basabasayɛ.Wɔn dɔm pem kɔ wɔn anim te sɛ anweatam so mframa,na wɔtase nneduafoɔ sɛ anwea.
Wɔmmmu ahene,wɔdi aman sodifoɔ ho fɛw,na wɔtwee nkuropɔn ho banbɔ denden.Wɔsisi dɔteɛ epie nam so kyekyere atamfoɔ.
Ao, Awurade, wonni hɔ firi tete anaa?Me Onyankopɔn, me Kronkronni, wo a wote ase daa.Ao, Awurade, woapa wɔn sɛ wɔmmu atɛn;Ao Ɔbotantim, woahyɛ wɔn sɛ wɔntwe aso.
Wʼaniwa yɛ kronkron, a wontumi nhwɛ nnebɔne;wonnyegye bɔne so.Na ɛdeɛn enti na wogyegye nnipa kɔntɔnkye so,na ɛdeɛn enti na wayɛ komm wɔ ɛberɛ aatirimuɔdenfoɔ remene ateneneefoɔ?
Ɔtamfoɔ tirimuɔdenfoɔ no de darewa yi wɔn,ɔgu nʼasau de buma wɔn,na afei ɔsɛpɛ ne ho ma nʼani gye.
Ne saa enti ɔbɔ afɔdeɛ ma nʼasauna wahye aduhwam ama no,ɛfiri sɛ asau yi so na ɔnam nya ateyie,na ɔdi nʼakɔnnɔ aduane.