Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Nahum Nwoma 2

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Nahum Nwoma 2 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɔtohyɛsoɔni reba wo so, Ninewebɔ aban no ho ban,wɛn ɛkwan no,bɔ wo ho sona boa wʼahoɔden nyinaa ano!

ASCB: 2ASCB

Awurade de Yakob animuonyam bɛsane ama note sɛ Israel deɛ no,ɛwom sɛ, asɛefoɔ no ama ada mpanna wɔasɛe ne bobe mfuo.

ASCB: 3ASCB

Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ;akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ.Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam notwa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no;mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim.

ASCB: 4ASCB

Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so,na wɔdi akɔneaba.Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ;wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.

ASCB: 5ASCB

Ɔfrɛfrɛɛ nʼakofoɔ a wodi munanso wɔsuntisunti wɔ ɛkwan mu.Wɔde mmirika kɔ kuropɔn no afasuo ho;na wɔyɛ wɔn akokyɛm krado.

ASCB: 6ASCB

Wɔbuebue asubɔnten apono no,na ahemfie no dwiri gu fam.

ASCB: 7ASCB

Wɔhyɛ mmaraden sɛwɔmfa kuropɔn no nnommumna wɔmfa wɔn nkɔ.Ne mfenaa de wɔn nsa gu wɔn koko sosu te sɛ mmorɔnoma.

ASCB: 8ASCB

Ninewe te sɛ ɔtadeɛ aemu nsuo resene korɔ.Woteam sɛ, “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!”Nanso, obiara ansane nʼakyi.

ASCB: 9ASCB

Momfom dwetɛ no!Momfom sikakɔkɔɔ no!Ahonyadeɛ a ɛwɔ akoradan mu nyinaa!Na ahonyadeɛ no dɔɔso.

ASCB: 10ASCB

Wɔabɔ Ninewe korɔno, wɔayɛ no pasaa!Akoma boto, na nkotodwe woso woso,nnipa ho popo na wɔn anim to hoa.

ASCB: 11ASCB

Seesei ɛhe na gyatabuo no wɔ,baabi a wɔma wɔn mma aduane no,baabi a gyatanini ne gyatabereɛ korɔna wɔn mma nso kɔ a wɔnsuro?

ASCB: 12ASCB

Gyata akum deɛ ɛbɛmee ne mma.Wabobɔ ahaboa ama gyatabereɛ no.Ɔde deɛ wakum ahyɛ ne bɔn mana ɔde ahaboa ahyɛ nʼatuo mama.

ASCB: 13ASCB

“Me ne wo nnka,”sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ ni,“Mɛhye wo nteaseɛnam na adane wisiena akofena bɛkunkum wʼagyata mma.Merennya wo ahaboa biara wɔ asase so.Wɔrente wʼasomafoɔ no nne bio.”