Scripture
Odiyifoɔ Nahum Nwoma 1
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Nahum Nwoma 1 Bible text
Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛna nʼabufuo tena wɔn so.
Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so,na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso.Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu,omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.
Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe;ɔma nsubɔntene nyinaa wewe.Basan ne Karmel twintwamna Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa.
Mmepɔ woso biribiri nʼanimna nkokoɔ nane.Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaawoso nʼanim.
Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano?Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu?Nʼabufuo hwie te sɛ ogya;abotan yam wɔ nʼanim.
Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ sobɛma Ninewe aba awieeɛ.Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.
Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho,na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn nowɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano.
Deɛ Awurade seɛ nie:“Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ,nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera.Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so,nanso merenyɛ saa bio.
Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho:“Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so.Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguoa ɛsisi wʼabosonnan mu no.Mɛsiesie wʼadamenaɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.”
Hwɛ mmepɔ no so,deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔnɔno na ɔka asomdwoesɛm!Ao, Yuda di wʼafahyɛ nadi wɔ bɔhyɛ so.Nnipa bɔne rentu wo so sa bio;Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.