Scripture
Odiyifoɔ Mika Nwoma 7
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Mika Nwoma 7 Bible text
Mayɛ mmɔbɔ!Mete sɛ aduaba tefoɔ aotwa berɛ akyi mekɔdi mpɛpɛ wɔ bobe turo mu;mennya bobe siaw na madi,borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan a me kɔn dɔ nso, saa ara.
Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so.Anka ɔbaako a ɔtene mpo.Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu;wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie.
Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu;sodifoɔ bisa akyɛdeɛ,ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ,wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ,wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho.
Deɛ ɔyɛ wɔ wɔn mu no te sɛ hwerɛmo;deɛ ɔtene pa ara no, nkasɛɛ ban yɛ sene no.Wʼatɛmmuda no aso,ɛda a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ.Yei ne ɛberɛ a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.
Nnye obiara nni;mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu.Mpo ɔbaa a ɔda wo koko mu noto wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.
Ɔbabarima twiri nʼagya,Ɔbabaa sɔre tia ne maame,asebaa nso tia nʼasena onipa biara atamfoɔ bɛfiri ɔno ankasa ne fiefoɔ mu.
Me deɛ, mede anidasoɔ hwɛ Awurade,Metwɛn me Nkwagyeɛ Onyankopɔn;na me Onyankopɔn bɛtie me.
Mma wʼani nnye, me ɔtamfoɔ!Mahwe ase deɛ, nanso mɛsɔre.Esum aduru me deɛ,nanso Awurade bɛyɛ me hann.
Sɛ mayɛ bɔne atia no enti, Awurade abufuo bɛba me so,kɔsi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama mena wada me bembuo adi.Ɔde me bɛba hann no mu;na mɛhunu ne tenenee.
Afei, mʼatamfoɔ bɛhununa wɔn ani bɛwu,deɛ ɔsee me sɛ,“Ɛhe na Awurade wo Onyankopɔn no wɔ?”Mʼani bɛhunu nʼahweaseɛ;mpo seesei no, wɔbɛtiatia ne sote sɛ atɛkyɛ a ɛwɔ mmɔntene so.
Ɛda no, nnipa bɛba wo nkyɛnfiri Asiria ne Misraim nkuropɔn mu,mpo wɔbɛfiri Misraim akɔsi Eufrateafiri ɛpo akɔsi ɛpone bepɔ so akɔsi bepɔ so.
Fa wo poma di wo nkurɔfoɔ anim,nnwan a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no,a wɔn nko ara tete kwaeɛ muwira frɔmfrɔm adidibea hɔ.Ma wɔn nnidi wɔ Basan ne Gileadsɛ tete nna no mu.
Aman bɛhunu wo na wɔn ani bɛwu,wɔn a tumi nyinaa afiri wɔn nsa no.Wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn anona wɔn aso bɛsisi.
Wɔbɛdi dɔteɛ sɛ awɔ,ne mmoa a wɔwea fam.Wɔde ahopopoɔ bɛfiri wɔn abɔn mu aba;wɔde suro bɛdane wɔn ho ama Awurade yɛn Onyankopɔn,na wɔbɛsuro wo.
Hwan na ɔte sɛ wo,Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?Wo a wode agyanom asefoɔ nkaeɛ amumuyɛ kyɛ wɔn.Wʼabofuo nntena hɔ daana mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.