Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Mika Nwoma 4

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Mika Nwoma 4 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtimsɛ mmepɔ no nyinaa ti;ɛbɛgye din aboro nkokoɔ nyinaa,na nnipa ahodoɔ bɛbɔ yuu akɔ hɔ.

ASCB: 2ASCB

Aman bebree bɛba abɛka sɛ,“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so,Yakob Onyankopɔn efie.Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan,sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.”Na mmara no bɛfiri Sion aba Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba.

ASCB: 3ASCB

Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛmAane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa.Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛwɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa.Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena,na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

ASCB: 4ASCB

Obiara bɛtena ne bobeanaa ne borɔdɔma nnua ase,na obiara remmɛhunahuna wɔn,ɛfiri sɛ, Asafo Awurade akasa.

ASCB: 5ASCB

Amanaman no nyinaa bɛtumi anantewɔn anyame din mu,na yɛn deɛ, yɛbɛnante Awurade,yɛn Onyankopɔn Din mu daa daa.

ASCB: 6ASCB

“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“Mɛboaboa mmubuafoɔ, atukɔfoɔɛne wɔn a mede awerɛhoɔ aba wɔn so ano.

ASCB: 7ASCB

Mɛma mmubuafoɔ ayɛ me nkurɔfoɔ wɔ asase no so,atukɔfoɔ no bɛyɛ ɔman kɛseɛ. Awurade bɛdi wɔn so ɔhene wɔ Sion bepɔ soafiri da no akɔsi daa.

ASCB: 8ASCB

Na wo, nnwankuo no abantenten,Ao, Ɔbabaa Sion, abandenden,wɔde wo tete tumidie no bɛsane abrɛ wo;Ɔbabaa Yerusalem nsa bɛsane aka nʼahennie.”

ASCB: 9ASCB

Ɛdeɛn enti na afei woresu denden,wonni ɔhene anaa?Wo futufoɔ ayera, na enti,ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu?

ASCB: 10ASCB

Ɔyea enti, nukanuka wo mu, Ao Ɔbabaa Sion,te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no,seesei ɛsɛ sɛ wofiri kuropɔn no mukɔtena ɛserɛ so.Wobɛkɔ Babilonia;na ɛhɔ na wɔbɛgye woɔ.Ɛhɔ na Awurade bɛgye woafiri wʼatamfoɔ nsam.

ASCB: 11ASCB

Seesei deɛ, aman bebreeaka abɔ mu atia wo.Wɔka sɛ, “Wɔngu Sion ho fi,na yɛmfa yɛn ani nhwɛ no!”

ASCB: 12ASCB

Nanso, wɔnnim Awurade adwene.Wɔnte nʼagyinatuo ase.Wɔnnim sɛ ɔno na ɔboaboa wɔn ano te sɛ afiafide kɔ ayuporobea.

ASCB: 13ASCB

“Sɔre, na pore, Ao Ɔbabaa Sion,mɛma wo dadeɛ mmɛn;mɛma wo kɔbere ntɔtena wobɛbubu aman bebree mu nketenkete.”Wode wɔn mfasodeɛ a wɔampɛ no ɛkwan pa so bɛbrɛ Awurade,wode wɔn ahonyadeɛ bɛbrɛ asase nyinaa so wura.