Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Mika Nwoma 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Mika Nwoma 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mommoaboa mo akodɔm ano,Ao akofoɔ kuropɔn,ɛfiri sɛ, atamfoɔ atwa yɛn ho ahyia.Wɔde abaa bɛbɔ Israel sodifoɔ no wɔ nʼafono so.

ASCB: 2ASCB

“Nanso wo, Betlehem Efrata,ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ,nanso, wo mu na obi bɛfiri ama mea ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ,na nʼase firi teteete.”

ASCB: 3ASCB

Enti wɔbɛgya Israelfoɔ mu,kɔsi sɛ ɔbaa a awoɔ aka no no bɛwona ne nuanom mmarima nkaeɛbɛsane akɔka Israelfoɔ ho.

ASCB: 4ASCB

Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nnwankuowɔ Awurade ahoɔden mu,wɔ Awurade ne Onyankopɔn din kɛseyɛ mu.Na wɔbɛtena asomdwoeɛ mu, na afeine kɛseyɛ bɛduru asase awieeɛ.

ASCB: 5ASCB

Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoeɛ.Sɛ Asiriafoɔ bɛto hyɛ yɛn so,na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,yɛde nnwanhwɛfoɔ nson,mpo ntuanofoɔ nwɔtwe bɛhyia wɔn.

ASCB: 6ASCB

Wɔde akofena bɛdi Asiria asase so,wɔbɛtwe akofena de adi Nimrod asase so.Sɛ Asiriafoɔ to hyɛ yɛn so,bɔ nsra fa yɛn ahyeɛ so a,ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.

ASCB: 7ASCB

Yakob asefoɔ nkaeɛ nobɛfrafra nnipa bebree mute sɛ obosuo a ɛfiri Awurade,te sɛ osuo a ɛpete gu ɛserɛ soa ɛnntwɛn ɔdasani,na ɔdasani biara rentumi nsi ho ɛkwan.

ASCB: 8ASCB

Wɔbɛkane Yakob asefoɔ nkaeɛ no afra aman no mu,wɔbɛfrafra nnipa bebree mute sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwaeɛ mu,te sɛ gyata ba a ɔfra nnwankuo mua ɔbobɔ wɔn tete wɔn muna obiara ntumi nnye wɔn.

ASCB: 9ASCB

Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfoɔ so nkonim,na wɔbɛsɛe wʼatamfoɔ nyinaa.

ASCB: 10ASCB

“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔna mabubu wo nteaseɛnam.

ASCB: 11ASCB

Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase sona madwiri wo banbɔ denden nyinaa agu.

ASCB: 12ASCB

Mɛsɛe wʼabayisɛmna wo ntafowayie to bɛtwa.

ASCB: 13ASCB

Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wode wo nsa ayɛne aboɔ ahoni a wowɔ no,na worenkoto nsɔrewo nsa ano adwuma bio.

ASCB: 14ASCB

Mɛtutu Asera afɔrebukyia no afiri wo muna masɛe wo nkuropɔn.

ASCB: 15ASCB

Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ wɔn so wedeɛ.”