Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Mika Nwoma 3

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Mika Nwoma 3 Bible text

ASCB: 1ASCB

Afei mekaa sɛ,“Montie, mo Yakob ntuanofoɔ,mo sodifoɔ a mowɔ Israel efie.Ɛsɛ sɛ mohunu deɛ ɛyɛ atɛntenenee,

ASCB: 2ASCB

Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔnemoworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛna motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho;

ASCB: 3ASCB

mowe me nkurɔfoɔ nam,mowae wɔn wedeɛ,bubu wɔn nnompe mu nketenkete;motwitwa wɔn sɛ ɛnam amode regu kwansɛn mu.”

ASCB: 4ASCB

Afei wɔbɛsu afrɛ Awurade,nanso ɔrennye wɔn so.Saa ɛberɛ no ɔde nʼanim bɛsie wɔn,bɔne a wɔayɛ enti.

ASCB: 5ASCB

Deɛ Awurade seɛ nie:“Adiyifoɔ awɔdaadaa me nkurɔfoɔ no deɛ,obi ma wɔn biribi di awɔpae mu ka asomdwoeɛ nsɛm,na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a,adiyifoɔ no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu wɔn so sa.

ASCB: 6ASCB

Enti adeɛ bɛsa mo a morennya anisoadehunu,esum bɛduru mo a morennya ahintasɛm biara.Owia bɛtɔ ama adiyifoɔ no,na adekyeɛ bɛdane esum ama wɔn.

ASCB: 7ASCB

Adepɛmuhunufoɔ ani bɛwuna wɔbɛgu nsamanfrɛfoɔ anim ase.Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim,ɛfiri sɛ mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ mma.”

ASCB: 8ASCB

Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me matenenee ne ahoɔdena mede bɛpae mu akaYakob amumuyɛ ne Israel bɔne.

ASCB: 9ASCB

Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ,mo a moyɛ Israel sodifoɔ,a mokyiri atɛnteneneena mokyea deɛ ɛtene nyinaa;

ASCB: 10ASCB

Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sionne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.

ASCB: 11ASCB

Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn,nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ,nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ.Nanso wɔdan Awurade, na wɔka sɛ,“Awurade nni yɛn ntam anaa?Ɔhaw biara remma yɛn so.”

ASCB: 12ASCB

Na mo enti,wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo,Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ,na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.