Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Mika Nwoma 2

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Mika Nwoma 2 Bible text

ASCB: 1ASCB

Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene,wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so!Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma noɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.

ASCB: 2ASCB

Wɔn ani bere mfuo na wɔgye.Na afie nso wɔfa.Wɔde nyansa korɔno gye nkurɔfoɔ afie,na ayɔnkofoɔ agyapadeɛ nso wɔgye.

ASCB: 3ASCB

Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi hona worentumi nnyi wo ho mfiri mu.Worentumi nnante ahantan so bio,ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne.

ASCB: 4ASCB

Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo.Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yibɛdi mo ho fɛ sɛ:‘wɔasɛe yɛn koraa;wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu.Ɔgye firi me nsa mu!Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ”

ASCB: 5ASCB

Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mua ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.

ASCB: 6ASCB

“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfoɔ no ka.“Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm;animguaseɛ rento yɛn.”

ASCB: 7ASCB

Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa. Awurade Honhom nni boasetɔ?Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa?“Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan teneno yie anaa?

ASCB: 8ASCB

Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔrete sɛ asraafoɔ.Moworɔ ntadeɛ pa firiwɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho,ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono.

ASCB: 9ASCB

Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mufiri wɔn afie fɛfɛ mu.Mogye me nhyirafiri wɔn mma nsam afebɔɔ.

ASCB: 10ASCB

Sɔre, firi ha kɔ!Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome,ɛfiri sɛ ɛho agu fi,Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio.

ASCB: 11ASCB

Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ,‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ.

ASCB: 12ASCB

“Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob;nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu.Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu,te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea;nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya.

ASCB: 13ASCB

Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn animwɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ.Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”