Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Mika Nwoma 1

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Mika Nwoma 1 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika ɛberɛ a na Yotam, Ahas ne Hesekia di adeɛ wɔ Yuda no. Anisoadehunu a ɔhunuiɛ fa Samaria ne Yerusalem ho.

ASCB: 2ASCB

Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,montie, asase ne mo a mote so nyinaa.Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo,ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.

ASCB: 3ASCB

Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba;ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.

ASCB: 4ASCB

Mmepɔ nane wɔ nʼase,mmɔnhwa mu paepaete sɛ ama a aka ogya,te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.

ASCB: 5ASCB

Yei nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,ne bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Israel efie enti.Yakob nnebɔne ne sɛn?Ɛnyɛ Samaria anaa?Na ɛhe ne Yuda sorɔnsorɔmmea?Ɛnyɛ Yerusalem anaa?

ASCB: 6ASCB

“Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie,baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa muama ne fapem ho ada hɔ.

ASCB: 7ASCB

Wɔbɛbubu nʼahoni nyinaa mu asinasini;wɔde ogya bɛhyɛ nʼasɔredan mu ayɛyɛdeɛ nyinaa.Mɛsɛe ne nsɛsodeɛ nyinaa.Esiane sɛ nʼakyɛdeɛ a waboa ano no nyinaaɔnya firii adwamanfoɔ akatua mu no entiwɔde bɛma adwamanfoɔ.”

ASCB: 8ASCB

Yeinom enti mɛsu atwa agyaadwoɔ;mede adagya bɛnante na mennhyɛ mpaboa.Mɛpɔ so sɛ odompona masu sɛ ɔpatuo.

ASCB: 9ASCB

Nʼapirakuro no wuo ayɛ den;abɛduru Yuda.Abɛduru me nkurɔfoɔ ɛpono anompo aduru Yerusalem ankasa.

ASCB: 10ASCB

Monnka no wɔ Gatmonnsu koraaMo a mowɔ Bet-Leafra deɛmonyantam mfuturo mu.

ASCB: 11ASCB

Monsene nkɔ adagya ne aniwuo mu,mo a mote Safir.Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpueBet-Esel wɔ awerɛhoɔ mu;ɛfiri sɛ, wo hɔ na ɔnya ne banbɔ.

ASCB: 12ASCB

Wɔn a wɔte Marot de ɔyea nukanuka wɔ mude twɛn mmoa,ɛfiri sɛ amanehunu a ɛfiri Awurade hɔ abaabɛduru Yerusalem ɛpono ano.

ASCB: 13ASCB

Mo a mote Lakis,monsiesie nteaseɛnam no.Mo ne bɔne farebaema Ɔbabaa Sion,na modii Israel anim kɔɔ bɔne mu.

ASCB: 14ASCB

Enti mode ntetemu akyɛdeɛ bɛma Moreset-Gat,Aksib kuro bɛdaadaa Israel ahemfo.

ASCB: 15ASCB

Mede nkonimdifoɔ bɛtoa momo a mote Maresa.Deɛ ɔyɛ Israel onimuonyamfoɔ nobɛba Adulam.

ASCB: 16ASCB

Monyi mo tirinwi mfa nni awerɛhoɔ,wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;mommɔ tikwa te sɛ ɔpete,ɛfiri sɛ, wɔbɛfa wɔn afiri mo nkyɛnakɔ nnommumfa mu.