Skip to main content

Scripture

Kwadwom 4

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Kwadwom 4 Bible text

ASCB: 1ASCB

Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie?Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri!Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apetewɔ mmɔntene biara so.

ASCB: 2ASCB

Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi muna anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ,seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo,ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma!

ASCB: 3ASCB

Mpo sakraman yi wɔn nufoɔma wɔn mma enum,nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔsɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so.

ASCB: 4ASCB

Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛmafam ne dodo mu;mmɔfra no su pɛ aduane,nanso obiara mfa mma wɔn.

ASCB: 5ASCB

Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa noohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so.Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn noseesei wɔdeda nso nkɔfie so.

ASCB: 6ASCB

Me nkurɔfoɔ asotweso sene Sodom awɔtuu wɔn mpofirim no deɛ,a wɔannya ɔboafoɔ biara no.

ASCB: 7ASCB

Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma,na wɔhoa sene nufosuo,na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ.

ASCB: 8ASCB

Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu;na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so.Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so;ɛho awo wesee sɛ abaa.

ASCB: 9ASCB

Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraasene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn;ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwuɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti.

ASCB: 10ASCB

Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛde wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,ayɛ wɔn aduaneɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no.

ASCB: 11ASCB

Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi;wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no.Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sionma ɛhyee ne fapem.

ASCB: 12ASCB

Asase so ahemfo annye anni,ewiase mu nnipa nso annye annisɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛneYerusalem apono mu.

ASCB: 13ASCB

Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔnene nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti,wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogyaguu wɔ kuropɔn no mu.

ASCB: 14ASCB

Afei wɔkeka wɔ mmɔntene sote sɛ nnipa a wɔn ani afira.Mogya a ama wɔn ho agu fi no entiobiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ.

ASCB: 15ASCB

Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte!Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”Sɛ wɔdwane kɔnenam aamanaman no mu nnipa ka sɛ,“Wɔrentumi ntena ha bio.”

ASCB: 16ASCB

Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;nʼani nni wɔn so bio.Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ,na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ.

ASCB: 17ASCB

Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani tooɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.

ASCB: 18ASCB

Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu,enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so.Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna,ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so.

ASCB: 19ASCB

Yɛn ataafoɔ ho yɛ haresene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem;wɔtaa yɛn faa mmepɔ sona wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so.

ASCB: 20ASCB

Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no,ɔtɔɔ wɔn mfidie mu.Yɛgye dii sɛ ne nwunu aseyɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu.

ASCB: 21ASCB

Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa,wo a wote Us asase so.Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;wobɛboro na wɔabɔ wo adagya.

ASCB: 22ASCB

Ao Ɔbabaa Sion, wʼasotwe bɛba awieeɛ;ɔremma wonkɔ so ntena nnommumfa mu.Nanso, Ao Ɔbabaa Edom, ɔbɛtua wo bɔne so kana wada wʼamumuyɛ adi.