Skip to main content

Scripture

Kwadwom 3

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Kwadwom 3 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mene ɔbarima a mahunu amanewɔ nʼabufuo abaa ano.

ASCB: 2ASCB

Wapam me afiri ne ho ama manantesum mu na ɛnyɛ hann mu;

ASCB: 3ASCB

Ampa ara wama nsa so atia mempɛn bebree, ɛda mu nyinaa.

ASCB: 4ASCB

Wama me wedeɛ ne me nam anyiniNa wabubu me nnompe.

ASCB: 5ASCB

Waka me ahyɛ mu,ɔde nwononwono ne ahokyere atwa me ho ahyia.

ASCB: 6ASCB

Wama matena esum musɛ wɔn a wɔawuwu dada no.

ASCB: 7ASCB

Wato ɔfasuo atwa me ho ahyia enti mentumi nnwane;wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ baha.

ASCB: 8ASCB

Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa aɔsi me mpaeɛbɔ ano.

ASCB: 9ASCB

Ɔde abotan asi me ɛkwan;wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.

ASCB: 10ASCB

Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,te sɛ gyata a watɛ,

ASCB: 11ASCB

ɔtwee me firi ɛkwan no mu dwerɛɛ mena ɔgyaa me a menni mmoa biara.

ASCB: 12ASCB

Ɔkuntunuu ne tadua muna ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.

ASCB: 13ASCB

Ɔde bɛmma a ɛfiri ne kotokuo muhwiree mʼakoma mu.

ASCB: 14ASCB

Meyɛɛ asredeɛ maa me nkurɔfoɔ nyinaa;wɔto akutia nnwomde di me ho fɛ ɛda mu nyinaa.

ASCB: 15ASCB

Ɔde nhahan nwononwono ahyɛ me ma.Wama me bɔnwoma anom.

ASCB: 16ASCB

Ɔde aboseaa abubu me se;na watiatia me so wɔ mfuturo mu.

ASCB: 17ASCB

Wɔama asomdwoeɛ abɔ me;na mewerɛ afiri yiedie.

ASCB: 18ASCB

Enti mese, “Mʼanimuonyam asa,deɛ mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”

ASCB: 19ASCB

Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyini mu,nwononwono ne bɔnwoma mu.

ASCB: 20ASCB

Mekae yie,na me kra aboto wɔ me mu.

ASCB: 21ASCB

Nanso, mekae yeine saa enti, mewɔ anidasoɔ.

ASCB: 22ASCB

Awurade dɔ kɛseɛ enti yɛnnsɛeɛ.Nʼayamhyehyeɛ nni hwammɔ.

ASCB: 23ASCB

Ɛyɛ foforɔ anɔpa biara;wo nokorɛdie yɛ kɛseɛ.

ASCB: 24ASCB

Meka kyerɛ me ho sɛ,“Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”

ASCB: 25ASCB

Awurade yɛ ma wɔn a wɔn anidasoɔ wɔ ne mu,onipa a ɔhwehwɛ noɔ no;

ASCB: 26ASCB

Ɛyɛ sɛ wɔyɛ kommde twɛn Awurade nkwagyeɛ.

ASCB: 27ASCB

Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua nowɔ ne mmeranteɛ ɛberɛ mu.

ASCB: 28ASCB

Ma ɔntena ase komm,ɛfiri sɛ Awurade de ato no so.

ASCB: 29ASCB

Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfuturo mu,ebia anidasoɔ wɔ hɔ.

ASCB: 30ASCB

Ma ɔmfa nʼafono mma deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ nona ɔnhyɛ no aniwuo.

ASCB: 31ASCB

Na Awurade nto nnipa ntwene koraa.

ASCB: 32ASCB

Ɛwom, ɔde awerɛhoɔ ba deɛ, nanso ɔbɛnya ayamhyehyeɛ.Ne dɔ kɛseɛ no to rentwa da.

ASCB: 33ASCB

Ɔfiri amemenemfe mu de amanehunuanaa awerɛhoɔ brɛ nnipa mma.

ASCB: 34ASCB

Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛnneduafoɔ a wɔwɔ asase no so a,

ASCB: 35ASCB

sɛ wɔtiatia obi ahofadie sowɔ Ɔsorosoroni no anim a,

ASCB: 36ASCB

anaa sɛ wɔbu obi ntɛnkyea a,Awurade nhunu saa nneɛma yi anaa?

ASCB: 37ASCB

Hwan na ɔbɛtumi aka na wama aba muwɔ ɛberɛ a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛeɛ?

ASCB: 38ASCB

Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anomna musuo ne nnepa firi anaa?

ASCB: 39ASCB

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ ɔteasefoɔ nwiinwiiɛberɛ a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?

ASCB: 40ASCB

Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,na yɛnsane nkɔ Awurade nkyɛn.

ASCB: 41ASCB

Momma yɛmma yɛn akoma ne yɛn nsa so,nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka sɛ:

ASCB: 42ASCB

“Yɛayɛ bɔne, na yɛate atuana woamfa ankyɛ.

ASCB: 43ASCB

“Wode abufuo akata wo ho ataa yɛn;na wakunkum a woannya ahummɔborɔ.

ASCB: 44ASCB

Wode wo ho asie omununkum muenti mpaeɛbɔ biara nnuru wo nkyɛn.

ASCB: 45ASCB

Woayɛ yɛn atantanneɛ ne wirawɔ amanaman no mu.

ASCB: 46ASCB

“Yɛn atamfoɔ nyinaa abae wɔn anom tɛtrɛɛde tia yɛn.

ASCB: 47ASCB

Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhweaseɛ,mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ.”

ASCB: 48ASCB

Me nisuo sene sɛ asuteneɛfiri sɛ wɔasɛe me nkurɔfoɔ.

ASCB: 49ASCB

Me nisuo bɛsene ara,na ɛrennyae,

ASCB: 50ASCB

kɔsi sɛ Awurade bɛhwɛafiri ɔsoro, na wahu.

ASCB: 51ASCB

Deɛ mehunu no ma me kra werɛ home kuropɔn no mu mmaa nyinaa enti.

ASCB: 52ASCB

Mʼatamfoɔ a menyɛɛ wɔn hweepampam me sɛ anomaa.

ASCB: 53ASCB

Wɔpɛɛ sɛ wɔtwa me nkwa sona wɔsi me aboɔ wɔ amena mu;

ASCB: 54ASCB

nsuo bu faa me tiri so,na ɛyɛɛ me sɛdeɛ wɔrewie me.

ASCB: 55ASCB

Mebɔɔ wo din, Ao Awuradefiri amena no ase tɔnn.

ASCB: 56ASCB

Wotee me sufrɛ: “Nsi wʼasowɔ me gyeɛ sufrɛ ho.”

ASCB: 57ASCB

Wotwe bɛnee me ɛberɛ a mefrɛɛ woɔ no,na wokaa sɛ, “Nsuro.”

ASCB: 58ASCB

Ao Awurade, wodii mʼasɛm maa me;na wogyee me nkwa.

ASCB: 59ASCB

Woahunu bɔne a wɔayɛ me, Ao Awurade.Di mʼasɛm ma me!

ASCB: 60ASCB

Woahunu wɔn aweretɔ no mu den,wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa.

ASCB: 61ASCB

Ao Awurade, woate wɔn sopa,wɔn pɔ a wɔbɔ tia me no nyinaa,

ASCB: 62ASCB

deɛ mʼatamfoɔ ka no sɛ asomusɛm na wɔka no brɛoode tia me da mu nyinaa.

ASCB: 63ASCB

Hwɛ wɔn! Sɛ wɔgyinagyina hɔ anaa sɛ wɔtete hɔ,wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.

ASCB: 64ASCB

Fa deɛ ɛfata tua wɔn so ka, Ao Awurade,deɛ wɔn nsa ayɛ enti.

ASCB: 65ASCB

Pirim wɔn akoma,na ma wo nnome mmra wɔn so.

ASCB: 66ASCB

Fa abufuo taa wɔn, na sɛe wɔnfiri Awurade sorosoro ase.