Skip to main content

Scripture

Kwadwom 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Kwadwom 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, kae deɛ aba yɛn so;hwɛ, na hunu yɛn animguaseɛ.

ASCB: 2ASCB

Wɔadane yɛn agyapadeɛ ama ahɔhoɔ,wɔde yɛn afie ama ananafoɔ.

ASCB: 3ASCB

Yɛayɛ nwisiaa na yɛnni agyanom,yɛn maamenom ayɛ sɛ akunafoɔ.

ASCB: 4ASCB

Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsuo a yɛnom;yɛbɛnya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.

ASCB: 5ASCB

Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;Yɛabrɛ na yɛnnya ahomegyeɛ.

ASCB: 6ASCB

Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiriasɛdeɛ yɛbɛnya aduane a ɛbɛso yɛn.

ASCB: 7ASCB

Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wɔnni hɔ bio,na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.

ASCB: 8ASCB

Nkoa di yɛn so,na obiara nni hɔ a ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsam.

ASCB: 9ASCB

Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔdeɛ de pɛ yɛn anoduane,akofena a ɛwɔ ɛserɛ so no enti.

ASCB: 10ASCB

Yɛn honam adɔ sɛ fononoo.Ɛkɔm ama huraeɛ abɔ yɛn.

ASCB: 11ASCB

Wɔato mmaa monnaa wɔ Sion,ne mmaabunu a wɔwɔ Yuda nkuro so.

ASCB: 12ASCB

Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;wɔmmfa anidie mma mpanimfoɔ.

ASCB: 13ASCB

Mmeranteɛ yɛ adwuma den wɔ ayuoyammoɔ so;na mmerantewaa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.

ASCB: 14ASCB

Mpanimfoɔ ntena kuropɔn apono ano bio;mmeranteɛ agyae wɔn nnwontoɔ.

ASCB: 15ASCB

Ahosɛpɛ afiri yɛn akoma mu;yɛn asa adane agyaadwotwa.

ASCB: 16ASCB

Ahenkyɛ afiri yɛn tiri so.Yɛn ara, yɛnnue sɛ yɛayɛ bɔne!

ASCB: 17ASCB

Yei enti yɛn akoma atɔ piti,yeinom enti yɛn ani so ayɛ kusuu

ASCB: 18ASCB

wɔ Sion bepɔ a ada mpanna sakraman nenam soɔ no enti.

ASCB: 19ASCB

Wo, Ao Awurade, di ɔhene afebɔɔ;wʼahennwa firi awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.

ASCB: 20ASCB

Adɛn enti na wo werɛ firi yɛn daa yi?Adɛn enti na wagya yɛn mmerɛ tenten mu yi?

ASCB: 21ASCB

Ka yɛn bata wo ho bio, Ao, Awurade, na yɛatumi aba wo nkyɛn;yɛ yɛn nna foforɔ sɛ tete no

ASCB: 22ASCB

agye sɛ wapo yɛn koraaanaa sɛ wo bo afu yɛn mmorosoɔ.