Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 9

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 9 Bible text

ASCB: 1ASCB

Na Hiob kasaa bio sɛ:

ASCB: 2ASCB

“Aane, menim sɛ yei yɛ nokorɛ.Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔdasani bɛtene wɔ Onyankopɔn anim?

ASCB: 3ASCB

Sɛ obi pɛ sɛ ɔne Onyankopɔn yiyi a,ɔrentumi nyi nsɛm apem mu baako mpo ano.

ASCB: 4ASCB

Ne nyansa mu dɔ, na ne tumi so.Hwan na ɔne no adi asie na ne ho baabiara anti?

ASCB: 5ASCB

Ɔtutu mmepɔ a wɔnnim ho hweeɔbubu wɔn fa so wɔ nʼabufuo mu.

ASCB: 6ASCB

Ɔwoso asase firi ne siberɛ,na ɔma ne nnyinasoɔ woso biribiri.

ASCB: 7ASCB

Ɔkasa kyerɛ owia na ɛnhyerɛn,na ɔsɔ nsoromma hyerɛn ano.

ASCB: 8ASCB

Ɔno nko ara na ɔtrɛ ɔsoro mu,na ɔnante ɛpo asorɔkye so.

ASCB: 9ASCB

Ɔno ne Nwenwenente, Akokɔbaatan ne ne mma Yɛfoɔ;Nsorommabafan ne ewiem anafoɔ fam nsorommakuo no.

ASCB: 10ASCB

Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nte aseɛ,nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan.

ASCB: 11ASCB

Sɛ ɔnam me ho a, menhunu no;sɛ ɔsene a, menhunu no.

ASCB: 12ASCB

Sɛ ɔhwim kɔ a, hwan na ɔsi no kwan?Hwan na ɔbɛtumi abisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’

ASCB: 13ASCB

Onyankopɔn nkora nʼabufuo so;Rahab aboafoɔ mpo ho popo wɔ nʼanim.

ASCB: 14ASCB

“Na me ne hwan a me ne no bɛyiyi?Mɛyɛ dɛn anya nsɛm a me ne no de bɛgye akyinnyeɛ?

ASCB: 15ASCB

Sɛ menim mpo a, merentumi nyi nʼano;ɛno ara ne sɛ mɛsrɛ ahummɔborɔ afiri me ɔtemmufoɔ nkyɛn.

ASCB: 16ASCB

Mpo, sɛ mefrɛ no na ɔba a,mennye nni sɛ ɔbɛtie mʼasɛm.

ASCB: 17ASCB

Ɔde asorɔkye bɛdwerɛ meama mʼapirakuro adɔɔso kwa.

ASCB: 18ASCB

Ɔremma menya mʼahome, bio.Ɔde awerɛhoɔ bɛhyɛ me ma tɔ.

ASCB: 19ASCB

Sɛ ɛba no ahoɔden a, ɔyɛ ɔhoɔdenfoɔ!Na sɛ ɛba atɛntenenee nso a, hwan na ɔbɛsamane no?

ASCB: 20ASCB

Sɛ medi bem mpo a, mʼano bɛbu me kumfɔ;sɛ me ho nni asɛm a, ɛbɛbu me fɔ.

ASCB: 21ASCB

“Ɛwom sɛ medi bem deɛ,nanso memmu me ho;abrabɔ afono me.

ASCB: 22ASCB

Ne nyinaa yɛ pɛ; ɛno enti na meka sɛ,‘Ɔsɛe deɛ ne ho nni asɛm ne omumuyɛfoɔ.’

ASCB: 23ASCB

Ɛberɛ a amanehunu de owuo aba no,ɔsere deɛ ne ho nni asɛm no akomatuo.

ASCB: 24ASCB

Ɛberɛ a asase akɔ amumuyɛfoɔ nsam no,ɔfira ɛso atemmufoɔ ani.Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan?

ASCB: 25ASCB

“Me nna ho yɛ herɛ sene ommirikatufoɔ;ɛsene kɔ a anigyeɛ kakra mpo nni mu.

ASCB: 26ASCB

Ɛtwam kɔ sɛ akodoɔ a wɔde paparɔs ayɛte sɛ akɔdeɛ a wɔreto akyere wɔn ahaboa.

ASCB: 27ASCB

Sɛ meka sɛ, ‘Me werɛ mfiri mʼanwiinwii,mɛsesa me nsɛm ka, na masere a,’

ASCB: 28ASCB

me yea ahodoɔ no bɔ me hu ara.Na menim sɛ, woremmu me bem.

ASCB: 29ASCB

Woabu me fɔ dada enti,adɛn na ɛsɛ sɛ meha me ho kwa?

ASCB: 30ASCB

Mpo sɛ ɛba sɛ mede samina dwarena mede samina hohoro me nsa ho a,

ASCB: 31ASCB

wobɛto me atwene atɛkyɛ amena mu,ama mʼatadeɛ mpo akyiri me.

ASCB: 32ASCB

“Ɔnyɛ onipa te sɛ me na mayi nʼano,na yɛakɔgyina asɛnniiɛ abobɔ yɛn nkuro.

ASCB: 33ASCB

Sɛ anka obi wɔ hɔ a ɔbɛsiesie yɛn ntamna waka yɛn baanu abɔ mu a,

ASCB: 34ASCB

obi a ɔbɛyi Onyankopɔn abaa afiri me so,sɛdeɛ nʼahunahuna mmɔ me hu bio a,

ASCB: 35ASCB

anka mɛkasa a merensuro no,nanso saa tebea a mewɔ mu yi deɛ, mentumi.