Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 8

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 8 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:

ASCB: 2ASCB

“Wobɛkɔ so aka saa nsɛm yi akɔsi da bɛn?Wo nsɛm yɛ mframa huhuo.

ASCB: 3ASCB

Onyankopɔn kyea atɛntenenee anaa?Otumfoɔ kyea deɛ ɛtene anaa?

ASCB: 4ASCB

Ɛberɛ a wo mma yɛɛ bɔne tiaa noɔ no,ɔgyaa wɔn maa wɔn bɔne so akatua.

ASCB: 5ASCB

Nanso sɛ wode wʼani bɛto Onyankopɔn sona woabɔ Otumfoɔ no mpaeɛ,

ASCB: 6ASCB

sɛ woyɛ kronn, na wotene a,wo enti, ɔbɛma ne ho so seeseina wama wo asi wo dada mu.

ASCB: 7ASCB

Wo ahyɛaseɛ bɛyɛ nkakra nkakrana daakye woanya ama abu so.

ASCB: 8ASCB

“Bisa awoɔ ntoatoasoɔ a atwam no,na hwehwɛ deɛ wɔn agyanom hunuiɛ.

ASCB: 9ASCB

Na wɔwoo yɛn nkyɛreeɛ na yɛnnim hwee.Yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsumma.

ASCB: 10ASCB

Nanso adikanfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ wo.Wɔbɛfiri wɔn nteaseɛ mu akyerɛ wo nyansa.

ASCB: 11ASCB

Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa?

ASCB: 12ASCB

Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no,ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ.

ASCB: 13ASCB

Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ;saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee.

ASCB: 14ASCB

Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;deɛ ɔde ne ho to soɔ yɛ ananse ntontan.

ASCB: 15ASCB

Ɔtwere ne ntontan, nanso ɛtete;ɔsɔ mu denden nanso ɛnyɛ yie.

ASCB: 16ASCB

Ɔte sɛ afifideɛ a wɔgugu so nsuo yie a ɛsi owia mu.Ɛtrɛtrɛ ne mman mu wɔ turo no so;

ASCB: 17ASCB

Ne nhini nyini fa abotan ho,na ɛhwehwɛ ɛkwan kɔ aboɔ mu.

ASCB: 18ASCB

Nanso sɛ wɔtu firi ne siberɛ a,saa beaeɛ no nnim no bio na ɛka sɛ, ‘Menhunuu wo da.’

ASCB: 19ASCB

Ampa ara ne nkwa twam,na afifideɛ foforɔ nyini asase no so.

ASCB: 20ASCB

“Ampa ara Onyankopɔn mpo onipa a ne ho nni asɛmna ɔnhyɛ amumuyɛfoɔ nsa mu dene.

ASCB: 21ASCB

Ɔbɛma woasere bio,na wode ahosɛpɛ ateateam.

ASCB: 22ASCB

Wɔde aniwuo bɛfira wɔn a wɔtan woɔ,na amumuyɛfoɔ ntomadan bɛsɛe.”