Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 10

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 10 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Abrabɔ afono me;enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsiena mɛkasa afiri me kra yeadie mu.

ASCB: 2ASCB

Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mmu me kumfɔ,na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.

ASCB: 3ASCB

Sɛ wohyɛ me so a, ɛdeɛn na wonya?Adɛn enti na wopo wo nsa ano adwumana wosere hwɛ amumuyɛfoɔ nhyehyɛeɛ?

ASCB: 4ASCB

Wowɔ ɔhonam mu ani anaa?Wohunu adeɛ te sɛ ɔdasani anaa?

ASCB: 5ASCB

Wo nkwa nna te sɛ ɔdasanianaa wo mfeɛ te sɛ onipa,

ASCB: 6ASCB

a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔna wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?

ASCB: 7ASCB

Ɛwom sɛ wonim sɛ menni fɔ deɛ,nanso obiara nso rentumi nnye me mfiri wo nsam.

ASCB: 8ASCB

“Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛbɔɔ me.Afei wobɛdane wo ho asɛe me anaa?

ASCB: 9ASCB

Kae sɛ wonwonoo me sɛ dɔteɛ.Na wobɛdane me ayɛ me mfuturo bio?

ASCB: 10ASCB

Woanhwie me sɛ nufosuono womaa me mu piiɛ sɛ kyiisi,

ASCB: 11ASCB

amfa wedeɛ ne honam ankata me hoankeka nnompe ne ntini antoatoa mu anaa?

ASCB: 12ASCB

Womaa me nkwa, yii ayamyɛ kyerɛɛ me,na ɔhwɛsie mu, wohwɛɛ me honhom so.

ASCB: 13ASCB

“Nanso yei na wode siee wʼakoma mu;na menim sɛ na yei wɔ wʼadwene mu.

ASCB: 14ASCB

Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ mena wobɛma me ɛso asotwe.

ASCB: 15ASCB

Na sɛ medi fɔ a, nnome nka me!Na sɛ mpo medi bem a, merentumi mpagya me ti,ɛfiri sɛ aniwuo ahyɛ me mana mʼamanehunu amene me.

ASCB: 16ASCB

Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,na bio woda wo tumi nwanwa no adi tia me.

ASCB: 17ASCB

Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia mena woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so;wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara.

ASCB: 18ASCB

“Adɛn enti na woma wɔwoo me?Ɛkaa me nko a anka mewuiɛ ansa na ani bi rehunu me.

ASCB: 19ASCB

Anka mamma nkwa yi mu,anaasɛ wosoaa me firi awotwaa mu de me kɔɔ damena mu tee a, anka ɛyɛ.

ASCB: 20ASCB

Aka kakra na me nna atwam,gyaa me na menya anigyeɛ ɛberɛ tiawa bi

ASCB: 21ASCB

ansa na makɔ koransanekusuuyɛ ne sunsumma kabii asase so,

ASCB: 22ASCB

asase a ɛyɛ anadwo sum kabii,sunsumma tumm ne sakasaka,baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ esum.”