Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 7

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 7 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Asase so som nyɛ den mma onipa anaa?Ne nkwa nna nte sɛ ɔpaani deɛ?

ASCB: 2ASCB

Sɛdeɛ akoa ani gyina anwummerɛ sunsumma,anaasɛ ɔpaani ho pere no nʼakatua ho no,

ASCB: 3ASCB

saa ara na wɔatwa abosome hunu ato me hɔ,ne anadwo a ɔhaw wɔ mu ama me.

ASCB: 4ASCB

Sɛ meda a, medwene bisa sɛ, ‘Ɛberɛ bɛn na adeɛ bɛkye?’Nanso anadwo twam nkakrankakra, na mepere kɔsi ahemadakye.

ASCB: 5ASCB

Asonsono ne aporɔporɔ ahyɛ me honam ma,me honam asɛe na ɛrefiri nsuo.

ASCB: 6ASCB

“Me nna kɔ ntɛm sene ɔnwomfoɔ akurokurowa,na ɛkɔ awieeɛ a anidasoɔ biara nni muo.

ASCB: 7ASCB

Ao Onyankopɔn, kae sɛ me nkwanna te sɛ ahomeɛ;na merennya anigyeɛ bio da.

ASCB: 8ASCB

Ani a ɛhunu me seesei renhunu me bio;mobɛhwehwɛ me, nanso na menni hɔ bio.

ASCB: 9ASCB

Sɛdeɛ omununkum yera na ɛtu korɔ no,saa ara na deɛ ɔkɔ damena mu no nsane mma bio.

ASCB: 10ASCB

Ɔrensane mma ne fie da biara da;nʼatenaeɛ renkae no bio.

ASCB: 11ASCB

“Ɛno enti meremmua mʼano;mɛfiri me honhom ahoyera mu akasa,mɛfiri me kra ɔyea mu anwiinwii.

ASCB: 12ASCB

Meyɛ ɛpo anaa aboa kɛseɛ a ɔwɔ ebunu mu anaa,na mode me ahyɛ ɔwɛmfoɔ nsa yi?

ASCB: 13ASCB

Sɛ medwene sɛ menya awerɛkyekyerɛ wɔ me mpa so,na mʼakonwa adwodwo mʼanwiinwii ano a,

ASCB: 14ASCB

ɛno mpo na wode adaeɛso yi me huna wode anisoadehunu hunahuna me,

ASCB: 15ASCB

ɛno enti mepɛ akɔmfohyɛ ne owuo,sene me onipadua yi.

ASCB: 16ASCB

Memmu me nkwa; mentena ase afebɔɔ.Monnyaa me; na me nna nka hwee.

ASCB: 17ASCB

“Ɔdasani ne hwan a ne ho hia wo sei,na wʼani ku ne ho,

ASCB: 18ASCB

na wohwehwɛ ne mu anɔpa biarana wosɔ no hwɛ ɛberɛ biara?

ASCB: 19ASCB

Worenyi wʼani mfiri me so da,anaasɛ worennyaa me ɛberɛ tiawa bi mpo anaa?

ASCB: 20ASCB

Sɛ mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ,Ao adasamma so wɛmfoɔ?Adɛn enti na watu wʼani asi me soɔ?Mayɛ adesoa ama wo anaa?

ASCB: 21ASCB

Adɛn enti na wonkata me mmarato sona womfa me bɔne nkyɛ me?Ɛrenkyɛre biara, mɛda mfuturo mu.Wobɛhwehwɛ me nanso na menni hɔ bio.”