Scripture
Hiob Nwoma 6
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Hiob Nwoma 6 Bible text
anka emu bɛyɛ duru asene anwea a ɛwɔ ɛpo mu nyinaa,enti ɛnyɛ nwanwa sɛ me nsɛm ayɛ hagyahagya.
Otumfoɔ agyan no awɔ me mu,me honhom nom ano awuduro no;wɔahyehyɛ Onyankopɔn ahunahuna nyinaa atia me.
Wiram afunumu su wɔ ɛberɛ a wanya ɛserɛ anaa,na nantwie nso su wɔ ɛberɛ a wanya nʼaduane anaa?
ɛnneɛ anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekyerɛ yi.Nanso, ɔyea yi nyinaa akyi nomemmuu Ɔkronkronni no nsɛm so da.
“Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ menya anidasoɔ?Daakye nneɛma pa bɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ?
“Deɛ nʼanidasoɔ asa no hia ne nnamfonom mpaeɛbɔ,ɛnyɛ saa a, ɔbɛpa aba wɔ Otumfoɔ no suro ho.
Nanso ahotosoɔ nni me nuanom mu. Wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie na ɛweɛ,wɔte sɛ nsuwa nsuwa a ɛyirie
Monto mo bo ase, mommu ntɛnkyea;monsane nnwene ho, ɛfiri sɛ me pɛpɛyɛ ho aba akyinnyegyeɛ.