Skip to main content

Scripture

Hiob Nwoma 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Hiob Nwoma 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

“Wopɛ a frɛ, na hwan na ɔbɛgye wo soɔ?Akronkronfoɔ no mu hwan nkyɛn na wobɛkorɔ?

ASCB: 2ASCB

Ahisɛm kum ɔkwasea,na anibereɛ kum atetekwaa.

ASCB: 3ASCB

Mʼankasa mahunu ɔkwasea a ɔrefefɛ,nanso, mpofirim, wɔdomee ne fie.

ASCB: 4ASCB

Ne mma ne banbɔ ntam ɛkwan ware,wɔdwerɛ wɔn wɔ asɛnniiɛ a wɔnnya ɔkamafoɔ.

ASCB: 5ASCB

Deɛ ɛkɔm de noɔ no di ne nnɔbaeɛ,na ɔfa firi nkasɛɛ mu mpo,na deɛ osukɔm de noɔ no pere di nʼahodeɛ akyi.

ASCB: 6ASCB

Ahokyere mmpue mfiri dɔteɛ muna ɔhaw nso mmpue mfiri fam.

ASCB: 7ASCB

Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mumpɛn dodoɔ a ogyaframa turi kɔ ɔsoro.

ASCB: 8ASCB

“Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛdwane atoa Onyankopɔn;na mede mʼasɛm ato nʼanim.

ASCB: 9ASCB

Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nhwehwɛ mu,ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan ne dodoɔ.

ASCB: 10ASCB

Ɔtɔ nsuo gu asase so;na ɔde kɔ wira mu.

ASCB: 11ASCB

Ɔde ahobrɛasefoɔ si deɛ ɛkorɔn,na ɔma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nya asomdwoeɛ.

ASCB: 12ASCB

Ɔsɛe anifirefoɔ nhyehyɛeɛ,ma wɔn nsa si fam.

ASCB: 13ASCB

Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn anifire mu,na ɔbɔ anitefoɔ nhyehyɛeɛ gu.

ASCB: 14ASCB

Esum duru wɔn awia ketee;na wɔkeka owigyinaeɛ te sɛ anadwo.

ASCB: 15ASCB

Ɔgye ahiafoɔ firi afena a ɛhyɛ wɔn anomu;ɔgye wɔn firi ahoɔdenfoɔ nkyehoma mu.

ASCB: 16ASCB

Enti, ahiafoɔ wɔ anidasoɔ,na ntɛnkyea ka nʼano to mu.

ASCB: 17ASCB

“Nhyira ne onipa a Onyankopɔn tene no,enti mmu Otumfoɔ ntenetene no animtiaa.

ASCB: 18ASCB

Ɛfiri sɛ, ɔno na ɔpira na ɔno ara akyekyere;ɔpira nanso ne nsa sa yadeɛ.

ASCB: 19ASCB

Ɔbɛgye wo afiri ɔhaw ahodoɔ nsia mu;nson so, a bɔne biara renka wo.

ASCB: 20ASCB

Ɛkɔm ba a, ɔbɛgye wo afiri owuo mu,na ɔko mu nso, ɔbɛgye wo afiri afena ano.

ASCB: 21ASCB

Wɔbɛbɔ wo ho ban afiri kasatwie hona sɛ ɔsɛeɛ ba a, ɛnsɛ sɛ wosuro.

ASCB: 22ASCB

Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɔkɔm;na ɛnsɛ sɛ wosuro asase so mmoa.

ASCB: 23ASCB

Wo ne afuo so aboɔ bɛyɛ apam,na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoeɛ mu.

ASCB: 24ASCB

Wobɛhunu sɛ wo ntomadan wɔ banbɔ;na sɛ wosese wʼahodeɛ a, wobɛhunu sɛ hwee nyeraeɛ.

ASCB: 25ASCB

Wobɛhunu sɛ wo mma bɛyɛ bebree;na wʼasefoɔ bɛdɔre sɛ ɛserɛ.

ASCB: 26ASCB

Wode ahoɔden bɛkɔ damena mu,te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwa berɛ mu.

ASCB: 27ASCB

“Yɛahwehwɛ yei mu, na ɛyɛ nokorɛɛno enti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”